Nnwom 36 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 36 Awurade somfo Dawid dwom.

1Nkɔmhyɛ bi wɔ me koma mu a efi Onyankopɔn hɔ

a ɛfa omumɔyɛfo mmarato ho.

Onyankopɔn suro nni wɔn ani so.

2Na ɔno ankasa ani so no ɔdaadaa no ho dodo,

nti ɛmma onhu ne bɔne nnyae yɛ.

3Nʼanom nsɛm yɛ atirimɔden ne nnaadaa;

onnim nyansa bio na wayɛ papa.

4Ɔda ne mpa so mpo a ɔbɔ pɔw bɔne;

na ogyaa ne ho ma bɔne kwan

na ɔmpo nea enye.

5 Awurade, wʼadɔe du ɔsorosoro

wo nokwaredi du wim tɔnn.

6Wo trenee te sɛ mmepɔw akɛse.

Wʼatɛntrenee mu dɔ sɛ po bun.

Ao Awurade, wokora nnipa ne mmoa nyinaa so.

7Wʼadɔe a ɛnsa da no som bo!

Nnipa mu akɛse ne nketewa

nya guankɔbea wɔ wo ntaban nwini ase.

8Wodi nea abu so wɔ wo fi,

woma wɔnom fi wʼanika asuten no mu.

9Wo nkyɛn na nkwa asuti wɔ;

wo hann mu na yehu hann.

10Kɔ so dɔ wɔn a wonim wo,

ma wo trenee ntena wɔn a wɔteɛ, koma mu.

11Mma ɔhantanni nan ntia me

anaa omumɔyɛfo nsa nnsunsum me.

12Hwɛ sɛnea nnebɔneyɛfo ahwehwe ase,

wɔdeda hɔ a wɔrentumi nsɔre bio.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help