Nnwom 23 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 23Dawid dwom.

1 Awurade ne me hwɛfo, hwee renhia me.

2Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea;

ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho,

3odwudwo me kra.

Ɔde me fa akwantrenee so,

ne din nti.

4Sɛ menam

owu sum kabii mu mpo a,

minsuro bɔne bi,

efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ;

wʼabaa ne wo pema

na ɛkyekye me werɛ.

5Woto me pon wɔ

mʼatamfo anim.

Wode ngo fɔw me tirim;

me kuruwa yɛ ma bu so.

6Yiye ne adɔe nko na ebedi mʼakyi

me nkwanna nyinaa;

na mɛtena Awurade fi

daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help