Nnwom 8 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 8Dawid dwom.

1 Awurade, yɛn Awurade,

wo din kɛseyɛ ada adi wiase mmaa nyinaa.

Wode wʼanuonyam

atimtim ɔsoro nohɔ,

2mmofra ne nkokoaa mpo de wɔn ano

kamfo wo, wʼatamfo nti;

na wode bɔ atamfo ne aweretɔfo ano.

3Sɛ mehwɛ wo ɔsorosoro,

wo nsateaa ano adwuma;

ɔsram ne nsoromma a

wode obiara asi nʼafa a,

4onipa ne hena a wokae no,

na onipa ba nso ne hena a wʼani ku ne ho?

5Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sen abɔfo

na wode wʼanuonyam ne nidi abɔ no abotiri.

6Woyɛɛ no ɔsodifo maa wo nsa ano nnwuma

wode nneɛma nyinaa ahyɛ nʼanan ase:

7nguankuw ne anantwikuw nyinaa

ne wuram mmoa nso,

8wim nnomaa

ne po mu mpataa,

nea ɛnenam po mu akwan so nyinaa.

9 Awurade, yɛn Awurade,

wo din yɛ kɛse wɔ asase nyinaa so!

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Ɔba no wu”.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help