Nnwom 29 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 29Dawid dwom.

1Momfa mma Awurade no, mo ɔsoro abɔde,

momfa anuonyam ne tumi mma Awurade.

2Momfa anuonyam a ɛfata Awurade din mma no;

monsɔre Awurade wɔ nʼanuonyam kronkron mu.

3 Awurade nne wɔ nsu no so;

anuonyam Nyankopɔn bobɔ mu,

Awurade bobɔ mu wɔ nsu akɛse so.

4 Awurade nne mu wɔ tumi;

Awurade nne mu wɔ anuonyam.

5 Awurade nne bubu sida;

Awurade nne bubu Lebanon sida mu nketenkete

6Ɔma Lebanon huruhuruw te sɛ nantwi ba,

na Sirion nso sɛ ɛko ba.

7 Awurade nne pa ma anyinam gya dɛw.

8 Awurade nne wosow sare so;

Awurade wosow Kades sare.

9 Awurade nne kyinkyim adum

na ɛma kwae yɛ kwaterekwa.

Nʼasɔredan mufo nyinaa teɛ mu ka se,

“Anuonyam nka Onyankopɔn!”

10 Awurade di hene wɔ nsuyiri so;

wɔasi Awurade hene afebɔɔ.

11 Awurade ma ne nkurɔfo ahoɔden,

na ɔde asomdwoe hyira wɔn.

Dwom a wɔto de buee Asɔredan no ano.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help