5 Mose Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

NhyɛnmuMmara Ntimu anaa Deuteronomium yɛ Mose afotusɛm a ɛfa mmara ahorow a ɔde maa Israelmma wɔ Moab asase so, baabi a wɔabɔ atenase sare so akwantu tenten no akyi no ho. Nsɛm titiriw a wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu ne nea edidi so yi: (1) Mose kaakae Israelmma no nneɛma a esisii mfe aduanan akwantu mu wɔ sare so no. Otu wɔn fo sɛ wɔnkae nea Onyankopɔn ayɛ ama wɔn na wɔnyɛ osetie mma no na wonni no nokware nso. (2) Mose twee wɔn adwene kɔɔ Mmara Nsɛm Du no so, na osii Mmara asɛm a edi kan no so dua se, wɔnsom Onyankopɔn nko ara. Otii Mmara a ɛbɛboa ma wɔabɔ ɔbra pa wɔ Bɔhyɛ Asase no so mu kyerɛɛ wɔn. (3) Mose twee wɔn adwene kɔɔ apam a Onyankopɔn ne wɔn ayɛ no so hyɛɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ na wonni so. (4) Wosii Yosua ɔpanyin foforo a obedi Onyankopɔn mma anim. Mose nna a edi akyiri ne ne wu wɔ Moab asase so.Nhoma yi asɛmpɔw ne sɛ Onyankopɔn agye ne man na wahyira wɔn nso.Emu NsɛmNneɛma A Onyankopɔn Ayɛ Ama Yɛn: Mose Kasakyerɛ A Edi Kan (1.1–4.43)Sɛnea Wɔtena Onyankopɔn Nhyehyɛe Mu: Mose Kasakyerɛ A Ɛto So Abien (4.44–28.68)Ɔhyɛ Apam No Mu Den: Mose Kasakyerɛ A Ɛto So Abiɛsa (29.1–30.20)Ɔkannifo Nsesae: Mose Nna A Etwa To (31.1–34.12)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help