Hiob Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

NhyɛnmuHiob Nhoma yɛ nhoma bi a ɛfa onipa bi a amanehunu too no ho. Ne mma ne nʼagyapade nyinaa fii ne nsa na ɔyare a ɛyɛ yaw nso bɔɔ no. Ɔkyerɛwfo no nam anwensɛm nkɔmmɔdi ahorow abiɛsa so kyerɛɛ nea Hiob yɔnkonom ne Hiob ankasa nso yɛɛ wɔ amanehunu no mu. Awiei no Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Hiob. Onyankopɔn ne adesamma nkitahodi yɛ asɛm titiriw wɔ nkɔmmɔdi yi mu.Hiob nnamfo no faa nyamesom ho ntease a ɛwɔ hɔ saa bere no so kyerɛɛ nʼamanehunu no ase. Esiane sɛ na wosusuw daa nyinaa sɛ Nyankopɔn tua papa a yɛyɛ so ka na ɔtwe yɛn aso wɔ bɔne ho nti, nea Hiob amanehunu no kyerɛ ara ne sɛ wayɛ bɔne. Na Hiob de, wɔanhu no saa. Na ɔmfata saa asotwe yaayaw yi, efisɛ ɔyɛ onipa papa ne ɔtreneeni. Na ɔnte ase sɛ Onyankopɔn betumi ama mmusu a ɛte sɛɛ aba obi a ɔte sɛ ɔno so, na osii ne bo bisaa Onyankopɔn hɔ asɛm. Hiob ampa abaw ara na ɔkɔɔ so gyee Onyankopɔn dii, nanso ɔpɛɛ sɛ odi bem wɔ Onyankopɔn anim na wasan anya nidi sɛ ɔyɛ onipa papa.Akyiri no, Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Hiob ma ohuu Onyankopɔn tumi ne nʼanuonyam. Eyi maa Hiob de ahobrɛase a fɛre wɔ mu kotow Onyankopɔn, na Onyankopɔn kaa Hiob nnamfonom anim na ɛmaa Hiob nyaa nʼahotɔ ne nʼahonyade bio.Wɔde saa sɔhwɛ a ɛbaa Hiob so yi sɔɔ ne gyidi a ɛrenhim no hwɛe. Gyidi a ɔde too ne nkwa fapem yi nti, otumi gyinaa pintinn.Emu NsɛmWɔsɔ Hiob Hwɛ (1.1–2.13)Nnamfo Baasa No Ma Hiob Mmuae (3.1–31.40)1. Nkɔmmɔdi a edi kan2. Nkɔmmɔdi a ɛto so abien3. Nkɔmmɔdi a ɛto so abiɛsaElihu Mmuae (32.1–37.24)Onyankopɔn Ma Hiob Mmuae (38.1–41.34)Hiob Ba Ne Tebea Dedaw Mu (42.1-17)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help