1bere biara a mɛsa Israel yare no,
Efraim nnebɔne da adi.
Samaria awurukasɛm nso da adi.
Wɔyɛ nnaadaafo
akorɔmfo a wobubu adan ani kɔ afi mu,
ne akwamukafo a wɔbɔ korɔn wɔ mmɔnten so.
2Na wonhu sɛ
mekae wɔn nnebɔne nyinaa.
Wɔn bɔne bunkam wɔn so;
egu mʼanim bere biara.
3“Wɔde atirimɔdensɛm gyigye ɔhene no ani,
na wɔde atoro nso gyigye ahenemma no ani.
4Wɔn nyinaa yɛ aguamammɔfo
a akɔnnɔ redɛw wɔ wɔn mu.
Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu gya
bere a brodotofo ahyɛ ase refɔtɔw nʼasikresiam.
5Da a ɔhene rehyɛ fa no
ahenemma bow nsa,
na ɔhene no fɛwdifo ne wɔn bɔ mu goru.
6Wɔn koma te sɛ fononoo;
wɔde atirimpɔw bɔne kɔ ɔhene anim.
Wɔn nsusuwii bɔne no dɛɛdɛɛ anadwo mu nyinaa;
anɔpa, ɛdɛw te sɛ ogyatannaa.
7Wɔn nyinaa ayɛ hyew sɛ fononoo.
Wokunkum wɔn sodifo.
Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe ase
na wɔn mu biara nsu mfrɛ me.
8“Efraim ne aman no adi afra;
Efraim yɛ ɔfam a anyinya a wonkisae.
9Ananafo twe nʼahoɔden,
nanso onhu.
Dwen aba ne ti so,
nanso nʼani mmaa so ɛ.
10Israel ahantan di adanse tia no,
nanso eyi nyinaa akyi no
ɔnnsan nkɔ Awurade ne Nyankopɔn nkyɛn,
na ɔnhwehwɛ no nso.
11“Efraim te sɛ aborɔnoma,
wotumi daadaa no na onni adwene.
Ɔfrɛ Misraim,
na wadan akɔ Asiria.
12Sɛ wɔkɔ a, mɛtow mʼasau agu wɔn so;
atwe wɔn aba fam te sɛ wim nnomaa.
Sɛ mete sɛ wɔretu abɔ mu a,
mɛkyere wɔn.
13Nnome nka wɔn,
efisɛ wɔatwe wɔn ho afi me ho!
Ɔsɛe mmra wɔn so
efisɛ wɔatew me so atua!
anka mepɛ sɛ migye wɔn
nanso wutwa atoro fa me ho.
14Wommfi wɔn koma mu nsu mfrɛ me,
mmom wotwa adwo wɔ wɔn mpa so.
Wɔboaboa wɔn ho ano kɔhwehwɛ aduan ne nsa foforo,
nanso wɔtwe wɔn ho fi me ho.
15Metetew wɔn, hyɛɛ wɔn den,
nanso wɔbɔ pɔw bɔne tia me.
16Wɔnhwehwɛ Ɔsorosoroni no;
wɔte sɛ tadua a asɛe,
wɔn ntuanofo bɛtotɔ wɔ afoa ano
efisɛ, wɔnkasa obu so.
Eyi nti wobedi wɔn ho fɛw
wɔ Misraim asase so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
