1 Mose 10 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Noa Awo Ntoatoaso

1Eyinom ne Noa mmabarima: Wɔne Sem, Ham ne Yafet asefo. Wɔwowoo mmabarima nsuyiri no akyi.

Yafet Asefo

2Yafet asefo ni:

Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

3Gomer asefo ni:

Askenas, Rifat ne Togarma.

4Yawan asefo ni:

Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.

5Na wɔn asefo bɛyɛɛ po so adwumayɛfo wɔ nsase ahorow so a na abusuakuw biara ka ne kasa nko.

Ham Asefo

6Ham asefo ni:

Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

7Kus asefo ni:

Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka.

Na Raama asefo nso ne:

Saba ne Dedan.

8Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofo kɛse wɔ asase so.

9Na ɔyɛ ɔbɔmmɔfo kɛse a Awurade ahyira no, na wɔbɔ ne din ka asɛm. Na obiara a ɔyɛ akokodurusɛm no, wɔde no toto Nimrod a na ɔyɛ ɔbɔmmɔfo kɛse a Awurade ahyira no no ho.

10Nʼahenni fii ase wɔ Babilonia, Erek, Akad ne Kalne a ne nyinaa wɔ Sinear asase so.

11Ofii saa asase no so trɛw nʼahenni mu kɔɔ Asiria, kɔkyekyeree Ninewe. Rehobot-Ir, Kala ne

12Resen a ɛda Ninewe ne Kala ntam; ɛno na ɛyɛ kurow kɛse wɔ saa ahemman no mu.

13Na Misraim woo

Ludfo, Anamfo, Lehabfo, Naftuhfo,

14Patrusfo, Kasluhfo ne Kaftorfo a wɔn ase na Filistifo fi.

15Na Kanaan woo nʼabakan

Sidon ne Het.

16Yebusifo, Amorifo, Girgasifo,

17Hewifo, Arkifo, Sinifo,

18Arwadfo, Semarifo ne Hematifo.

Akyiri no, Kanaanfo mmusua no petee.

19Kanaan nsase ahye trɛw fii Sidon koduu Gerar de kosii Gasa koduu Sodom ne Gomora, Adma, Seboim de kosi Lasa.

20Eyinom ne Ham asefo a wɔn mmusuakuw, wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn aman da wɔn adi.

Sem Asefo

21Sem a na ne nua panyin ne Yafet no nso woo mmabarima. Sem nananom ne Eber mma.

22Sem asefo ni:

Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.

23Aram asefo ni:

Us, Hul, Geter ne Mas.

24Na Arfaksad woo Sela,

na Sela woo Eber.

25Eber woo mmabarima baanu.

Wɔtoo ɔbaako din Peleg a ase kyerɛ Nkyekyɛmu, efisɛ nʼawobere mu na kasa ahorow nti, nnipa a wɔwɔ asase so mu kyekyɛe ma wɔhwetee. Na wɔtoo ne nua a ɔka ne ho no din Yoktan.

26Yoktan woo

Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera,

27Hadoram, Usal, Dikla,

28Obal, Abimael, Seba,

29Ofir, Hawila ne Yobab.

30Asase a wɔte so no trɛw fi Mesa kosi Sefar, ɔmantam a ɛda bepɔw so wɔ apuei fam no.

31Eyinom ne Sem mmabarima, sɛnea wɔn mmusua ne wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn amanaman te no.

32Eyinom ne Noa mmabarima mmusua, sɛnea wɔn awo ntoatoaso te wɔ wɔn amanaman mu. Na efi eyinom mu na nsuyiri no akyi no amanaman petee asase so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help