1Ao, Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu;
fa wo tumi bu me bem.
2Ao, Onyankopɔn, tie me mpaebɔ;
tie mʼanom nsɛm.
3Ahɔho retow ahyɛ me so.
Atirimɔdenfo rehwehwɛ me akum me;
nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee.
4Ampa ara, Onyankopɔn ne me boafo;
Awurade ne me hwɛfo.
5Ma mmusu nkyim mmra wɔn a wodi me ho nseku no so;
wo nokwaredi mu, sɛe wɔn.
6Mefi me pɛ mu abɔ afɔre ama wo;
Awurade, meyi wo din ayɛ,
efisɛ eye.
7Woagye me afi me haw nyinaa mu,
na mʼani ahu nkonimdi wɔ mʼatamfo so.
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
