1Monkamfo Awurade.
Me kra, kamfo Awurade!
2Mɛkamfo Awurade me nkwanna nyinaa;
mɛto ayeyi dwom ama me Nyankopɔn, sɛ mete ase yi.
3Mommfa mo ho nto mmapɔmma so,
adesamma a wɔrentumi nnye nkwa.
4Sɛ wɔn honhom tu kɔ a, wɔsan kɔ dɔte mu,
saa da no ara wɔn nsusuwii nyinaa yɛ ɔkwa.
5Nhyira ne nea ne boafo ne Yakob Nyankopɔn,
nea nʼanidaso wɔ Awurade, ne Nyankopɔn mu.
6Ɔno ne ɔsoro ne asase Yɛfo,
po ne biribiara a ɛwɔ mu nyinaa
Awurade a ɔyɛ nokwafo daa no.
7Odi ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so,
na ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan.
Awurade gyaa nneduafo,
8 Awurade ma anifuraefo hu ade.
Awurade ma wɔn a wɔakom no so,
Awurade dɔ atreneefo.
9 Awurade hwɛ ahɔho so,
na ɔwowaw ayisaa ne akunafo,
na amumɔyɛfo akwan de, ɔdan ani.
10 Awurade di hene daa daa,
Ao, Sion, wo Nyankopɔn, wɔ awo ntoatoaso nyinaa so.
Monkamfo Awurade.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
