Nnwom 15 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 15Dawid dwom.

1 Awurade, hena na ɔbɛtena wo kronkronbea ntamadan no mu?

Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so?

2Nea ne ho nni asɛm

na ɔyɛ nea ɛteɛ,

nea ɔka nokware a efi ne koma mu

3na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipa

nea ɔnyɛ ne yɔnko bɔne

na ommu ne yɔnko nipa abomfiaa,

4nea obu afideyɛni animtiaa

na ɔde nidi ma wɔn a wosuro Awurade,

nea odi ne ntam so,

bere a etia no mpo,

5nea ɔde ne sika bɔ bosea a onnye nsiho

na onnye adanmude ntia nea odi bem.

Nea ɔyɛ eyinom no

renhinhim da.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help