Nnwom 147 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 147

1Monkamfo Awurade.

Eye sɛ wɔto ayeyi nnwom ma yɛn Nyankopɔn,

ɛyɛ fɛ na ɛfata dodo sɛ wɔkamfo no!

2 Awurade kyekyere Yerusalem;

Ɔboaboa Israel nnommum ano.

3Ɔsa wɔn a wɔn koma abotow no yare,

na ɔkyekyere wɔn akuru.

4Ɔkyerɛ nsoromma dodow a ɛwɔ hɔ,

na ɔde obiara din frɛ no.

5Yɛn Awurade so, na ne tumi yɛ kɛse;

yɛrente nʼase nwie.

6 Awurade wowaw ahobrɛasefo

na ɔtotow amumɔyɛfo hwehwe fam.

7Monto aseda nnwom mma Awurade.

Momfa sanku nto dwom mma yɛn Nyankopɔn.

8Ɔde omununkum kata ɔsoro ani;

ɔma asase osu

ma sare nyin wɔ nkoko so.

9Ɔma anantwi aduan,

na sɛ kwaakwaadabimma su a, ɔma wɔn aduan.

10Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na nʼani sɔ

na ɛnyɛ onipa ahoɔden nso.

11Na mmom, Awurade ani sɔ nnipa a wosuro no,

wɔn a wɔde wɔn ho to nʼadɔe a ɛnsa da no so no.

12Momma Awurade so, Yerusalem;

kamfo wo Nyankopɔn, Sion,

13ɔma wʼapon akyi adaban yɛ den,

na ohyira wo nkurɔfo a wɔte wo mu.

14Ɔma wʼahye so dwo,

na ɔde awi ankasa ma wo.

15Ɔsoma nʼahyɛde kɔ asase so;

nʼasɛm tu mmirika ntɛm so.

16Ɔtrɛw sukyerɛmma mu sɛ oguan ho nwi,

na ɔpete obosu sukyerɛmma sɛ nsõ.

17Ɔtotow mparuwbo gu fam sɛ mmosea.

Hena na obetumi agyina nʼawɔw dennen no ano?

18Ɔsoma nʼasɛm no ma ɛnan no;

ɔhwanyan ne mframa, na nsu sen.

19Wada nʼasɛm adi akyerɛ Yakob,

ne mmara ne ɔhyɛ nsɛm akyerɛ Israel.

20Ɔnyɛɛ eyi maa ɔman foforo biara ɛ;

wonnim ne mmara.

Monkamfo Awurade!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help