Amos Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)
NhyɛnmuAmos yɛ oguanhwɛfo a ofi Tekoa a ɛwɔ Yudaman mu. Ne din no ase ne adesoa anaa adesoasoafo. Onyankopɔn frɛɛ no se ɔnkɔka NʼAsɛm wɔ Atifi Ahemman a ɛyɛ Israel mu.Amos bere so no, na Israelman di yiye. Wɔn ahonya ne yiyedi yi kodii adefo nko ara nsam. Wɔnam amimdi, asisi ne nhyɛso a wɔde dii ahiafo no so no so na wɔde nyaa wɔn ho.Nhoma no kyerɛ pefee sɛ atemmu bɛba Yudafo ne amanamanmufo so wɔ wɔn bɔne ne atuatew a etia Onyankopɔn no nti. Ɛda no adi kyerɛ Israelman sɛ ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ Onyankopɔn man de, nanso sɛ wɔyɛ bɔne a, wobenya asotwe. Ɛka anigyesɛm sɛ Agyenkwa no begye ɔman no asi ne dedaw mu wɔ wɔn adwensakra akyi.Emu NsɛmAtemmu ho kɔkɔbɔ (1.1–2.16)Nea enti a wobebu atɛn (3.1–6.14)Atemmu ho oyikyerɛ (7.1–9.15)