Yeremia 50 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Asɛm A Ɛfa Babilonia Ho

1Asɛm a Awurade nam odiyifo Yeremia so ka faa Babilonia ne Babiloniafo asase ho ni:

2“Mommɔ no dawuru na mompae mu nka wɔ amanaman mu.

Momma frankaa so na mompae mu nka;

na momma wɔnte sɛ,

‘Wɔbɛfa Babilonia;

wobegu Bel anim ase,

na ehu bɛhyɛ Merodak ma.

Wobegu ne nsɛsode anim ase

na ehu bɛhyɛ nʼahoni ma.’

3Ɔman bi fi atifi fam bɛtow ahyɛ ne so

na wɔbɛyɛ nʼasase amamfo.

Obiara rentena so;

nnipa ne mmoa beguan afi so.

4“Nna no mu ne saa bere no,”

Awurade na ose,

“Israelfo ne Yudafo bɛka abɔ mu

de nusu akɔhwehwɛ wɔn Awurade, wɔn Nyankopɔn.

5Wobebisa ɔkwan a ɛkɔ Sion

na wɔde wɔn ani akyerɛ hɔ.

Wɔbɛba de wɔn ho abɛbɔ Awurade

wɔ daa apam a

werɛ remfi mu.

6“Me nkurɔfo ayɛ nguan a wɔayera;

wɔn nguanhwɛfo ama wɔafom ɔkwan

ma wokyinkyin mmepɔw so.

Wokyinkyin bepɔw ne koko so

na wɔn werɛ fii wɔn ankasa homebea.

7Obiara a ohuu wɔn no tetew wɔn mu:

wɔn atamfo kae se, ‘Yenni fɔ,

efisɛ wɔyɛɛ bɔne tiaa Awurade, wɔn nokware didibea no,

Awurade wɔn agyanom anidaso no.’

8“Munguan mfi Babilonia;

mumfi Babiloniafo asase so,

na monyɛ sɛ mpapo a wodi nguankuw anim.

9Mɛkanyan amanaman akɛse nkabom

afi atifi fam asase so de wɔn abɛko atia Babilonia.

Wobegyinagyina wɔn afa atia no,

wobefi atifi fam ako afa no.

Wɔn agyan bɛyɛ sɛ dɔmmarima a wɔakwadaw akodi mu,

wɔn a wɔmmfa nsapan nsan wɔn akyi.

10Enti wɔbɛfow Babilonia;

wɔn a wɔfow no nyinaa benya asade bebree,”

Awurade na ose.

11“Esiane sɛ mo ani gye na mudi ahurusi,

mo a mofow mʼagyapade,

sɛ muhuruhuruw anigye so te sɛ nantwiforo a ɔwɔ sare frɔmfrɔm mu

na musu te sɛ apɔnkɔnini nti,

12wo na ani bewu pa ara;

nea ɔwoo wo anim begu ase.

Ɔbɛyɛ akumaa wɔ amanaman no mu,

sare, asase wosee ne nweatam.

13 Awurade abufuw nti, obiara rentena hɔ

na ɛbɛda mpan korakora.

Wɔn a wotwa mu wɔ Babilonia nyinaa ho bedwiriw wɔn na wɔadi ne ho fɛw

esiane nʼapirakuru nyinaa nti.

14“Munnyinagyina mo afa ntwa Babilonia ho nhyia,

mo a motow agyan nyinaa.

Montow no! Munnyaw bɛmma biara,

efisɛ wayɛ bɔne atia Awurade.

15Monteɛ mu ntia no wɔ afanan nyinaa!

Ɔma ne nsa so, nʼabandennen bubu,

wodwiriw nʼafasu gu fam.

Esiane sɛ eyi yɛ Awurade aweretɔ no nti,

montɔ ne so were;

monyɛ no sɛnea wayɛ afoforo no.

16Munyi ogufo mfi Babilonia,

ɔne otwafo a okura ne kantankrankyi wɔ otwabere mu no.

Esiane nhyɛsofo no afoa nti

obiara nsan nkɔ ne nkurɔfo mu,

obiara nguan nkɔ nʼankasa asase so.

17“Israel yɛ nguankuw a wɔahwete

a gyata apam wɔn.

Nea odii kan tetew ne mu

yɛ Asiriahene;

na nea ɔdwerɛwee ne nnompe akyiri no

yɛ Babiloniahene Nebukadnessar.”

18Ɛno nti, sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se:

“Mɛtwe Babiloniahene ne nʼasase aso

sɛnea metwee Asiriahene aso no.

19Na mede Israel bɛsan aba nʼankasa didibea,

na obedidi wɔ Karmel ne Basan;

ɔbɛmee wɔ Efraim ne Gilead nkoko so.

20Saa nna no ne saa bere no,”

Awurade na ose,

“Wɔbɛhwehwɛ Israel afɔbu mu,

nanso wɔrennya bi,

wɔbɛhwehwɛ Yuda nnebɔne mu,

nanso wɔrenhu bi,

efisɛ, mede nkae a migyaa wɔn no bɔne bɛkyɛ wɔn.

21“Montow nhyɛ Merataim asase so

ne nnipa a wɔte Pekod.

Montaa wɔn, munkunkum wɔn

na monsɛe wɔn korakora,”

Awurade na ose.

“Monyɛ biribiara a mahyɛ mo no.

22Ɔko mu gyegyeegye wɔ asase no so,

ɔsɛe kɛse nnyigyei!

23Hwɛ sɛnea wɔabubu na wɔabobɔ

asase nyinaa so asae!

Hwɛ sɛnea Babilonia ada mpan

wɔ amanaman no mu!

24Misum wo afiri, Babilonia,

na eyii wo ansa na worehu;

wohuu wo kyeree wo

efisɛ woko tiaa Awurade.

25Otumfo Awurade abue nʼakode adekoradan

na wayi nʼabufuwhyew akode de apue,

efisɛ Asafo Awurade wɔ adwuma yɛ

wɔ Babiloniafo asase so.

26Mumfi akyirikyiri mmra ne so.

Mummubu nʼasan no ani;

monhɔre no siw sɛ awi akuwakuw.

Monsɛe no korakora

na munnyaw nkae biara mma no.

27Munkunkum nʼanatwinini nyinaa;

momfa wɔn nkɔ mma wonkokum wɔn!

Mmusu nka wɔn! Efisɛ wɔn da no adu,

bere a wɔde bɛtwe wɔn aso no.

28Muntie akobɔfo ne aguanfo a wofi Babilonia no

sɛ wɔreka wɔ Sion

sɛnea Awurade, yɛn Nyankopɔn atɔ were,

nʼasɔrefi ho aweretɔ.

29“Momfrɛ agyantowfo nkɔtoa Babilonia,

wɔn a wɔtow agyan nyinaa.

Muntwa ne ho nhyia;

mommma obiara nguan.

Muntua ne nneyɛe so ka;

monyɛ no sɛnea wayɛ.

Efisɛ wabu Awurade animtiaa,

Israel kronkronni no.

30Enti ne mmerante bɛtotɔ wɔ mmɔnten so;

wɔbɛtɔre nʼasraafo nyinaa ase saa da no,”

Awurade na ose.

31“Hwɛ, mikyi wo; ɔhantanni.”

Awurade, Asafo Awurade na ose,

“efisɛ wo da no adu

bere a wɔde bɛtwe wʼaso no.

32Ɔhantanni no behintiw na wahwe ase,

obiara remmoa no mma ɔnnsɔre;

mɛto ne nkurow mu gya

na ahyew wɔn a atwa ne ho ahyia nyinaa.”

33Sɛɛ na Asafo Awurade se:

“Wɔhyɛ Israelfo so,

na Yudafo nso saa ara.

Wɔn nnommumfafo no kura wɔn dennen

a wɔmpɛ sɛ wogyaa wɔn ma wɔkɔ.

34Nanso wɔn Gyefo yɛ ɔhoɔdenfo;

ne din ne Asafo Awurade.

Obedi wɔn asɛm ama wɔn anibere so,

sɛnea ɔde ahotɔ bɛba wɔn asase no so,

na wɔn a wɔte Babilonia no nea wahyɛ wɔn ahometew.

35“Afoa a etia Babiloniafo!”

Awurade na ose,

“etia wɔn a wɔte Babilonia

na etia nʼadwumayɛfo ne nʼanyansafo!

36Afoa a etia nʼatoro adiyifo!

Wɔbɛdan nkwaseafo.

Afoa a etia nʼakofo!

Ehu bɛhyɛ wɔn ma.

37Afoa a etia nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam

ne ananafo a wɔwɔ wɔn mu nyinaa!

Wɔbɛdan mmea.

Afoa a etia nʼademude!

Wɔbɛfom.

38Ɔyow wɔ nʼasu ahorow so!

Ɛbɛyoyow.

Efisɛ ɛyɛ ahoni asase,

ahoni a ehu bɛma wɔabobɔ adam.

39“Enti sare so mmoa ne mpataku bɛtena hɔ,

na ɛhɔ na patu bɛtena.

Obiara rentena so bio

efi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso.

40Sɛnea Onyankopɔn tuu Sodom ne Gomora

ne wɔn nkurow gui no,”

Awurade na ose,

“saa ara na obiara rentena hɔ;

onipa biara rentena mu.

41“Monhwɛ! Asraafo bi fi atifi fam reba;

ɔman kɛse ne ahemfo bebree,

wɔrehwanyan wɔn afi nsase ano.

42Wokurakura bɛmma ne mpeaw;

wɔn tirim yɛ den, na wonni ahummɔbɔ.

Wɔn nnyigyei te sɛ po a ɛworo so.

Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a,

wɔba sɛ mmarima a wɔrekɔ sa

abɛtow ahyɛ wo so, Ɔbabea Babilonia.

43Babiloniahene ate wɔn ho nsɛm,

ne nsa sesa ne ho kwa.

Ahohiahia akyekyere no

ɔyaw a ɛte sɛ ɔbea a ɔrekyem wɔ awo so.

44Sɛnea gyata a ofi Yordan nkyɛkyerɛ mu

rekɔ adidibea frɔmfrɔm no,

saa ara na mɛtaa Babilonia fi nʼasase so wɔ bere tiaa bi mu.

Hena ne nea mayi no sɛ ɔnyɛ eyi?

Hena na ɔte sɛ me, na hena na obetumi ne me adi asi?

Na oguanhwɛfo bɛn na obetumi asɔre atia me?”

45Enti tie nea Awurade ahyehyɛ atia Babilonia,

nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia Babiloniafo asase ni:

Nguankuw no mu nkumaa no wɔbɛtwe wɔn akɔ;

wɔn nti ɔbɛsɛe adidibea no koraa.

46Babilonia nnommumfa nnyigyei bɛma asase awosow;

ne nteɛteɛmu gyegyeegye wɔ amanaman no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help