1Eyinom ne Yudafo nnommum a wɔwɔ amantam no mu a wofi asutwa mu baa Yerusalem ne Yuda nkurow bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia.
2Na wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana.
Israel mmarima a wofi asutwa mu bae no dodow ni:
3Dodow a wɔyɛ
Paros asefo
2,172
4Sefatia asefo
372
5Arah asefo
775
6Pahat-Moab asefo (Yesua ne Yoab asefo)
2,812
7Elam asefo
1,254
8Satu asefo
945
9Sakai asefo dodow yɛ
760
10Bani asefo dodow yɛ
642
11Bebai asefo dodow yɛ
623
12Asgad asefo dodow yɛ
1,222
13Adonikam asefo dodow yɛ
666
14Bigwai asefo dodow yɛ
2,056
15Adin asefo dodow yɛ
454
16Ater asefo (Hesekia asefo) dodow yɛ
98
17Besai asefo dodow yɛ
323
18Yora asefo dodow yɛ
112
19Hasum asefo dodow yɛ
223
20Gibar asefo dodow yɛ
95
21Betlehemfo dodow yɛ
123
22Netofafo dodow yɛ
56
23Anatotfo dodow yɛ
128
24Asmawetfo dodow yɛ
42
25Kiriat-Yearimfo, Kefirafo ne Beerotfo dodow yɛ
743
26Ramafo ne Gebafo dodow yɛ
621
27Mikmasfo dodow yɛ
122
28Bet-Elfo ne Aifo dodow yɛ
223
29Nebo ɔmanmma dodow yɛ
52
30Magbis ɔman dodow yɛ
156
31Elam ɔmanmma dodow yɛ
1,254
32Harim ɔmanmma dodow yɛ
320
33Lod, Hadid ne Ono manmma dodow yɛ
725
34Yeriko ɔmanmma dodow yɛ
345
35Senaa ɔmanmma dodow yɛ
3,630
36Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae:
Yedaia asefo (a wɔnam Yesua fi so) dodow yɛ
973
37Imer asefo dodow yɛ
1,052
38Pashur asefo dodow yɛ
1,247
39Harim asefo dodow yɛ
1,017
40Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae:
Yesua ne Kadmiel asefo (Hodawia asefo) dodow yɛ
74
41Nnwontofo:
Asafasefo mu nnwontofo dodow yɛ
128
42Aponanohwɛfo:
Salum, Ater, Talmon asefo
Akub, Hatita ne Sobai asefo
139
43Saa asɔredan mu asomfo asefo yi na wofi nnommum mu bae:
Siha, Hasufa, Tabaot,
44Keros, Siaha, Padon,
45Lebana, Hagaba, Akub,
46Hagab, Samlai, Hanan,
47Gidel, Gahar, Reaia,
48Resin, Nekoda, Gasam,
49Usa, Paseah, Besai,
50Asna, Meunim, Nefisi,
51Bakbuk, Hakufa, Harhur,
52Baslut, Mehida, Harsa,
53Barkos, Sisera, Tema,
54Nesia ne Hatifa.
55Ɔhene Salomo asomfo asefo yi nso fi nnommum mu bae:
Sotai, Hasoferet, Peruda,
56Yaala, Darkon, Gidel,
57Sefatia, Hatil,
Pokeret-Hasebaim ne Ami.
58Na asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no dodow yɛ
362
59Saa bere no, kuw foforo a wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkurow so san baa Yerusalem. Nanso wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafo yɛ Israel asefo.
Saa nnipakuw yi ne:
60Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodow yɛ
652
61Asɔfo mmusua abiɛsa:
Habaia, Hakos ne Barsilai no nso san baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ofi Gilead no mmabea no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)
62Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom sɛ asɔfo.
63Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa Awurade.
64Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow yɛ mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia (42,360),
65a asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason (7,337) nka ho, ne nnwontofo ahannu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmea.
66Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa asia (736), mfurum ahannu aduanan anum (245),
67yoma ahannan aduasa anum (435) ne mfurumpɔnkɔ mpem asia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔe.
68Bere a woduu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofo no bi fii koma pa mu yii ntoboa a wɔde besiesie Awurade asɔredan no wɔ ne sibea dedaw mu hɔ.
69Na ntuanoni biara maa nea obetumi. Akyɛde a wɔde mae no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika nnwetɛbona mpem aduosia baako (61,000), dwetɛ nkaribo pɔn mpem ahansia ahannu aduonum (600,250) na asɔfotade ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfo.
70Enti asɔfo, Lewifo, nnwontofo, aponanohwɛfo, asɔredan mu asomfo ne ɔmanmma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem no. Nkae no san kɔɔ Yuda nkurow afoforo bi a wofi hɔ bae no so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.