Nehemia 7 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

1Wowiee ɔfasu no, na misisii apon no wiee akyi no, yɛfaa apon no anohwɛfo, nnwontofo ne Lewifo.

2Miyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafo a osuro Nyame sen afoforo bebree.

3Meka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnsɛ sɛ wobue Yerusalem apon no ano to hɔ kosi sɛ ahuhuru bɛba. Na sɛ aponanohwɛfo no wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu na mommram akyi. Munyi wɔn a wɔte Yerusalem no, na bi nnyina hɔ nnwɛn na bi nso mfi wɔn afi a ɛbemmɛn no mu nwɛn.”

Nehemia Kyerɛw Nnipa No Din

4Saa bere no na kuropɔn no so, na emu da hɔ, nanso na nnipa no nnɔɔso. Afi kakraa bi na na esisi kuropɔn no mu.

5Na me Nyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofo ne ɔmanfo no nyinaa nhyia, na wɔnkyerɛw wɔn din. Mihuu nnipa a wodii kan san baa Yuda no anato nhoma. Nsɛm a na wɔakyerɛw agu mu ni:

6Eyinom ne Yudafo a wotwaa wɔn asu kɔɔ amantam bi so, na wofii nnommum mu san baa Yerusalem ne Yuda nkurow afoforo so. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia.

7Wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana.

Israelfo dodow a wofi nnommum mu bae no ni:

8Abusuafo dodow ni:

  Paros asefo

2,172

9Sefatia asefo

372

10Arah asefo

652

11Pahat-Moab (Yesua ne Yoab) asefo

2,818

12Elam asefo

1,254

13Satu asefo

845

14Sakai asefo

760

15Binui asefo

648

16Bebai asefo

628

17Asgad asefo

2,322

18Adonikam asefo

667

19Bigwai asefo

2,067

20Adin asefo

655

21Ater (Hesekia) asefo

98

22Hasum asefo

328

23Besai asefo

324

24Harif asefo

112

25Gibeon asefo

95

26Mmarima dodow a wofi

  Betlehem ne Netofa

188

27Anatot

128

28Bet-Asmawet

42

29Kiriat-Yearim, Kefira ne Beerot

743

30Rama ne Geba

621

31Mikmas

122

32Bet-El ne Ai

123

33Nebo

52

34Elam

1,254

35Harim

320

36Yeriko

345

37Lod, Hadid ne Ono

721

38Senaa

3,930

39Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae:

Yedaia asefo (Yesua fifo mu no)

973

40Imer asefo

1,052

41Pashur asefo

1,247

42Harim asefo

1,017

43Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae:

Yesua (Kadmiel ne Hodewa fifo) asefo

74

44Nnwontofo:

Asaf asefo

148

45Asɔredan Aponanohwɛfo:

Salum, Ater, Talmon asefo,

Akub, Hatita ne Sobai asefo

138

46Asɔredan mu asomfo:

Siha, Hasufa, Tabaot asefo,

47Keros, Siaha, Padon asefo,

48Lebana, Hagaba, Salmai asefo,

49Hanan, Gidel, Gahar asefo,

50Reaia, Resin, Nekoda asefo,

51Gasam, Usa, Paseah asefo,

52Besai, Meunim, Nefusim asefo,

53Bakbuk, Hakufa, Harhur asefo,

54Baslit, Mehida, Harsa asefo

55Barkos, Sisera, Tema asefo

56Nesia ne Hatifa asefo,

57Ɔhene Salomo asefo asomfo a wofi nnommum mu bae no ni:

Sotai, Soferet, Perida asefo,

58Yaala, Darkon, Gidel asefo,

59Sefatia, Hatil,

Pokeret-Hasebaim ne Amon asefo,

60Asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no nyinaa, na wɔn dodow yɛ

392

61Kuw foforo bi a saa bere yi wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adon ne Imer san baa Yerusalem, nanso, wɔantumi ankyerɛ mu yiye sɛ, wɔn anaa wɔn asefo no ase fi Israel:

62Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua no ka saa kuw yi ho, na wɔn dodow yɛ

642

63Asɔfo baasa a wɔn din de

Habaia, Hakos ne Barsilai a wɔyɛ mmusua abiɛsa no nso baa Yerusalem. (Na saa Barsilai yi aware Barsilai a ofi Gilead mmabea no baako ama wafa ɔbea no abusuadin.)

64Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom sɛ asɔfo.

65Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa Awurade.

66Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow yɛ mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia (42,360),

67a ɛno akyi, asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason (7,337) ne nnwontofo mmarima ne mmea ahannu aduanan anum (245) ka ho.

68Wɔde apɔnkɔ ahanson ne aduasa asia (736), funumpɔnkɔ ahannu ne aduanan anum (245).

69Yoma ahannan ne aduasa anum (435) ne mfurum mpem asia ahanson ne aduonu (6,720) kaa wɔn ho.

70Abusua no bi ntuanofo maa dwumadi no ho akyɛde. Amrado no too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ nnwetɛbona apem (1,000), sikakɔkɔɔ hweaseammɔ aduonum (50) ne asɔfotade ahannum ne aduasa (530).

71Ntuanofo no bi ka bɔɔ mu, too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu (20,000), na ebinom nso maa dwetɛ nsania pɔn mpem abien ne ahanson aduonum de boaa adwuma no.

72Nnipa a wɔaka no nso maa sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu ne dwetɛ bɛyɛ pɔn mpenu ne ahannum ne asɔfotade aduosia ason (67).

73Enti asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, Asɔredan mu asomfo ne nnipa no bi, ne Israelfo a wɔaka nyinaa bɔɔ atenase wɔ wɔn ankasa nkurow so.

Ɛsra Kenkan Mmara No

Ɔsram Tisri (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) mfimfini mu a Israelfo akokɔ wɔn nkurow so no,

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help