3 Mose Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)
NhyɛnmuMose Nhoma a ɛto so abiɛsa (Lewitikɔs) yi ka Onyankopɔn nhyehyɛe ne mmara sɛnea ɛte wɔ tete Israelfo mu no ho asɛm. Ɛkyerɛ nhyehyɛe ne akwan ahorow a ɛsɛ sɛ asɔfo anaa Lewifo no fa so yɛ wɔn som adwuma wɔ hyiadan mu. Nhoma yi mu asɛm titiriw fa Onyankopɔn Kronkronyɛ ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ nnipa fa so de som no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne Nyankopɔn a ɔyɛ Israel Nyankopɔn Kronkron no ayɔnkofa no bɛtena hɔ daa no ho.Asɛnhia baako a ɛwɔ 19.18 mu, a Yesu nso kae ne mmara asɛm a ɛka se, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no.Emu NsɛmOnyankopɔn Kronkron No Som (1.1–17.16)Asetena A Ɛyɛ Kronkron (18.1–27.34)