Nnwom 111 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 111

1Monkamfo Awurade!

Mefi me koma nyinaa mu ama Awurade so

wɔ atreneefo aguabɔ ne asafo no mu.

2 Awurade nnwuma yɛ akɛse;

wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa susuw ho.

3Ne nnwuma yɛ tumi ne anuonyam,

na ne trenee wɔ hɔ daa.

4Ɔma yɛkae nʼanwonwade;

Awurade yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo.

5Ɔma wɔn a wosuro no no aduan;

ɔkae nʼapam no daa.

6Wakyerɛ ne nkurɔfo tumi a ɛwɔ ne nnwuma mu,

sɛ ɔde aman afoforo nsase ama wɔn.

7Ne nsa ano nnwuma yɛ nokware na ɛteɛ;

nʼahyɛde nyinaa mu wɔ ahotoso.

8Etim hɔ daa daa,

nokware ne trenee mu na ɔyɛe.

9Ɔde ogye maa ne nkurɔfo;

ɔde nʼapam sii hɔ afebɔɔ,

ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu.

10 Awurade suro yɛ nyansa mfiase;

wɔn a wodi nʼahyɛde so nyinaa wɔ nhumu pa.

Ɔno na daa ayeyi wɔ no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help