Nnwom 94 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 94

1 Awurade, Onyankopɔn a wotɔ were,

Onyankopɔn a wotɔ were, hyerɛn.

2Sɔre, asase so Temmufo,

tua ahantanfo ka sɛnea ɛfata wɔn.

3 Awurade, enkosi da bɛn,

amumɔyɛfo nnye wɔn ani nkosi da bɛn?

4Wɔkasa ahantan so;

ahohoahoa ahyɛ abɔnefo nyinaa ma.

5 Awurade, wɔdwerɛw wo nkurɔfo;

wɔhyɛ wʼagyapade so.

6Wokunkum akunafo ne ananafo;

na wodi ayisaa awu.

7Wɔka se, “Awurade nhu,

Yakob Nyankopɔn ayi nʼani.”

8Monhwɛ yiye, mo agyimifo a mowɔ nnipa no mu;

nkwaseafo, da bɛn na mubehu nyansa?

9Nea ɔbɔɔ aso no rente asɛm ana?

Nea ɔyɛɛ ani no renhu ade ana?

10Nea ɔteɛteɛ aman so no rentwe aso ana?

Nea ɔkyerɛkyerɛ onipa no nnim nyansa ana?

11 Awurade nim onipa nsusuwii;

onim sɛ enkosi hwee.

12 Awurade, nhyira ne onipa a woteɛteɛ no so,

onipa a wokyerɛ no wo mmara no;

13Woma ɔhome fi amanehunu nna mu,

kosi sɛ wobetu amoa ama amumɔyɛfo.

14 Awurade rempo ne nkurɔfo;

na ɔrennyaw nʼagyapade hɔ da.

15Atemmu begyina treneeyɛ so bio,

na wɔn a wɔn koma mu tew nyinaa bedi so.

16Hena na ɔbɛsɔre atia amumɔyɛfo ama me?

Hena na ɔbɛsɔre atia abɔnefo ama me?

17Sɛ Awurade ammoa me a,

anka mekɔɔ owu kommyɛ mu ntɛm so.

18Bere a mekae se, “Me nan rewatiri” no,

Awurade, wo dɔ no soo me mu.

19Bere a me dadwen dɔɔso no,

wʼawerɛkyekye maa me kra abotɔyam.

20Ahengua a porɔwee ahyɛ no mma no ne wo wɔ ayɔnkofa ana?

Ahengua a ne hyɛ nsɛm de amanehunu na ɛba no?

21Wɔka bɔ mu tia atreneefo

na wɔn a wodi bem no, wobu wɔn kumfɔ.

22Nanso Awurade yɛ mʼaban;

na me Nyankopɔn ayɛ ɔbotan a ne mu na minya ahintawee.

23Obetua wɔn nnebɔne no so ka

na wɔn amumɔyɛ nti wasɛe wɔn;

Awurade yɛn Nyankopɔn bɛsɛe wɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help