Asomafo Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

NhyɛnmuLuka a ɔyɛ ɔyaresafo a ɔkyerɛw Luka Asɛmpa no ara na ɔkyerɛw saa Asomafo No Nnwuma yi. Saa nhoma yi ka nea esisii wɔ Yesu wu ne ne wusɔre akyi no ho asɛm. Saa nhoma yi de Yesu sorokɔ ho asɛm na efi ase. Ɛkyerɛ sɛnea Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se sɛ Honhom Kronkron no ba wɔn so a, wɔntrɛw Asɛmpa no mu nkɔ wiase mmaa nyinaa no. Pentekoste da a wɔhyɛɛ asafo no ase no, asuafo no nyaa ahoɔden ne tumi a na Yesu ahyɛ wɔn ho bɔ no. Ɛma wotumi kaa asɛmpa no, yɛɛ anwonwade de sii asɛmpa a wɔreka no so dua. Saa nhoma yi ka asɛmpaka akwan a Paulo tutuu no ho nsɛm.Emu NsɛmPentekoste ne asafo no mfiase wɔ Yerusalem, (1.1–8.3)Asafo mfiase wɔ Yudea ne Samaria (8.4–11.18)Asafo mfiase wɔ abosonsomfo a wɔwɔ Antiokia ne Romaman mu. (11.19–21.16)Paulo afiasenna wɔ Yerusalem, Kaesarea ne Roma (21.17–28.31)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help