2 Petro Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)
NhyɛnmuƆsomafo Petro a na ɔyɛ Yesu asuafo dumien no mu baako no na ɔkyerɛw saa krataa yi kɔmaa Kristofo a wɔahwete afa mmaa nyinaa no. Ne botae ne sɛ obetu Kristofo no fo na wɔahwɛ wɔn ho so yiye wɔ atoro akyerɛkyerɛfo ne ɔhaw a wɔn nkyerɛkyerɛ bɔne no de ba nnipa no so ho. Osii so dua se, wɔn a wɔyɛ bɔne no benya so asotwe, na wɔbɛpam wɔn a wonnye asɛm no nni no nso, sɛnea Onyankopɔn pam abɔfo no bi fii ɔsoro, na wɔsɛee nnipa wɔ Noa bere so ne Sodom ne Gomora sɛe, ne sɛnea wɔtwee Bileam aso wɔ ne bɔne ho no pɛ. Ɔkyerɛɛ mu se, Onyankopɔn mpɛ sɛ obi bɛyera, na mmom ɔhwehwɛ sɛ obiara bɛtwe ne ho afi bɔne ho.Emu NsɛmNkyia (1.1-2)Nyansa turodoo (1.3-21)Atoro akyerɛkyerɛfo ne wɔn nkyerɛkyerɛ (2.1-22)Awurade ba a ɔbɛba (3.1-18)