Nnwom 113 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 113

1Monkamfo Awurade.

Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼasomfo no,

monkamfo Awurade din.

2Momma wɔnkamfo Awurade din,

mprempren ne daa nyinaa.

3Efi faako a owia pue kosi faako a ɛkɔtɔ,

ma wɔnkamfo Awurade din.

4Wɔama Awurade so aman nyinaa so,

nʼanuonyam tra ɔsorosoro.

5Hena na ɔte sɛ Awurade yɛn Nyankopɔn,

Ɔbaako no a odi hene wɔ ɔsorosoro,

6ɔno na ɔbɔ ne mu ase

hwɛ ɔsorosoro ne asase?

7Ɔma ahiafo so fi mfutuma mu

na ɔma onnibi so fi nso siw so;

8ɔde wɔn tena mmapɔmma mu,

wɔn nkurɔfo mmapɔmma mu.

9Ɔbɔ obonin atenase wɔ ne fi

sɛ ɔbeatan a nʼani gye.

Monkamfo Awurade.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help