Galatifo Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

NhyɛnmuSaa krataa yi nso Paulo na ɔkyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Galati. Na ebinom ka se ansa na obi bɛyɛ Okristoni kann no, ɛsɛ sɛ odi Yudafo mmara ne wɔn amanne so ketee. Paulo kyerɛw saa krataa yi kɔmaa Galatifo no kyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn se, sɛ woyɛ Okristoni a, na ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wudi Yudafo ne Mose Mmara so ketee. Na mmom Kristosom gyina gyidi a onipa wɔ wɔ Kristo mu no so, na Kristo nko so na yɛnam betumi ne Onyankopɔn ayɛ baako. Afei ɔkyerɛɛ wɔ saa krataa yi mu se, ɛsɛ sɛ Okristoni abrabɔ da ɔdɔ adi. Ɔdɔ yi fi gyidi a yenya wɔ Kristo mu no mu. Ɔkaa hia a ehia sɛ wɔbɔ ɔbra a honhom ahyɛ no ma no.Emu NsɛmNkyia ne nhyɛnmu (1.1-10)Paulo anisoadehu bi (1.11–2.21)Gyidi pa ho nkyerɛkyerɛ (3.1–4.31)Nea edi Kristo mu ahofadi akyi (5.1–6.10)Nsɛnka a etwa to (6.11-18)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help