2 Samuel Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)
Nhyɛnmu2 Samuel Nhoma ka Dawid ho asɛm. Wosii no hene wɔ Yuda, na afei, odii hene wɔ Israelman nyinaa so (Ti 5.1-5). Ɔkɔfaa Apam Adaka no baa Hyiadan no mu (Ti 6.1-23). Odii nʼakofo anim, ko tiaa nʼatamfo dii wɔn nyinaa so nkonim, na ɔde Bɔhyɛ Asase so nkonimdi a Yosua fii ase no wiee nʼakodi (Ti 8–10). Dawid yɛɛ nneɛma akɛse bebree.Sɔhwɛ ahorow baa nʼakwan mu ma ɔyɛɛ bɔne a aguamammɔ ne awudi di mu akoten (Ti 11–13), na ɛda adi sɛ, nnipa akɛse a wɔbɔ wɔn ho mmɔden sɛ wobedi Onyankopɔn akyi no, wotumi tɔ sɔhwɛ ne bɔne mu.Onyamesuro nkyerɛ sɛ onipa betumi atena ase ayɛ nea ɔpɛ biara. Dawid nyaa abusua mu akwanside (Ti 14.1–18.33). Kɛseyɛ tumi de ahantan ba sɛnea yehuu wɔ Dawid bɔneyɛ mu no. Ɔma wɔkan ɔman no mu nnipa nyinaa sɛnea ɛbɛma wahu ne man no ahoɔden (Ti 24.1-25). Nanso ɔkokodurofo yi awiei ankɔyɛ awerɛhow ntraso. Esiane nʼahonu ne nʼayɔnkofa a ɔnam so de ne ho bɔɔ Onyankopɔn no nti, onyaa nʼasomdwoe, nanso bɔne a ɔyɛe no de, ɛho asɛm antwa (Ti 12–20).Dawid Nyamesom pa, ne nokwaredi, ne ntoboase, nʼayamye, nʼahofama ne pɛpɛyɛ yɛ suban pa a ɛsɛ sɛ yesua.Emu NsɛmDawid Nkonimdi Ahorow (1.1–10.19)Dawid Akodi (11.1–24.25)