Romafo Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)
NhyɛnmuAnsa na Paulo bɛyɛ Okristoni no, na ɔyɛ obi a ɔde ne ho nyinaa ama nyamesom. Na ɔwɔ gyidi sɛ ɔkwan a wɔfa so som Onyankopɔn ara ne sɛ wobedi Yudafo mmara so ketee. Odii Yudafo mmara so ketee kosii sɛ ɔtaa Kristofo de kyerɛɛ sɛ ɔwɔ Yudasom mu ampa. Nanso akyiri a ɔdan kɔɔ Kristosom mu no, ɔbɛyɛɛ onipa foforo koraa. Afei, ohuu sɛ nkwagye no nkyerɛ sɛ wubedi Yudafo mmara so ketee, na mmom nkwagye gyina gyidi a wubenya wɔ Yesu Kristo mu no so, efisɛ obiara rentumi nni mmara nyinaa so ketee, na obiara nso rentumi nyɛ saa da. Romafo nhoma no kasa fa tena a ɛsɛ sɛ Kristofo nam gyidi so tena ase ho.Paulo kyerɛw saa nhoma yi kɔmaa asafo a ɛwɔ Roma de daa ne ho ne nʼasɛm adi kyerɛɛ wɔn. Na ɔnkɔɔ saa kuropɔn yi mu da, nanso na onim Kristofo bebree a wɔwɔ hɔ no din. Na ɔwɔ anidaso sɛ obenya ɔkwan akɔsra wɔn. (15.22–16.21). Paulo ka kyerɛɛ wɔn se ɔyɛ ɔsomafo a wɔapaw no sɛ ɔnka Asɛmpa no (1.1). Asɛm a na Paulo bɔ no dawuru ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ sɛ obegye obiara a ɔwɔ gyidi no nkwa, sɛ woyɛ Yudani anaa Amanamanmuni (1.16). Asɛm a Paulo twe nʼakenkanfo adwene kɔ so ne sɛ, yɛn nyinaa ayɛ bɔne na yɛmfata Onyankopɔn anuonyam (3.23). Na yɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn agye yɛn ato mu? Eyi ne asɛmmisa titiriw a Paulo bua wɔ ne krataa yi mu. Ofi ase sɛ obiara antumi anyɛ Onyankopɔn apɛde. Ɛwɔ mu sɛ Onyankopɔn nam akwan ahorow so akasa de, nanso Yudafo anni Mose mmara so, na amanamanmufo nso ampɛ sɛ wodwen Onyankopɔn ho mpo (1.18–3.20).Emu NsɛmNkyia (1.1-7)Sɛnea nkwagye ho hia wiase (1.8–3.20)Nkwagye a ɛnam gyidi so (3.21–8.39)Nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ ama Israelfo (9.1–11.36)Kristofo Asetena Ho Akwankyerɛ (12.1–15.13)Awiei ne Nkradi (15.14–16.27)