Yesaia 31 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Wɔn A Wɔde Wɔn Ho To Misraim So No Nnue

1Wonnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔhwehwɛ mmoa,

wɔn a wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so,

wɔn a wogye wɔn nteaseɛnam dodow

ne wɔn apɔnkɔsotefo ahoɔden mmoroso no di,

na wɔnhwɛ Israel Kronkronni no,

anaasɛ wɔmpɛ mmoa mfi Awurade hɔ.

2Nanso Awurade yɛ onyansafo a obetumi de ɔhaw aba;

ɔnsesa nʼano.

Ɔbɛsɔre atia amumɔyɛfo fi,

ne wɔn a wɔboa nnebɔneyɛfo.

3Na Misraimfo yi yɛ nnipa kɛkɛ, wɔnyɛ Onyankopɔn.

Wɔn apɔnkɔ yɛ ɔhonam na wɔnyɛ honhom.

Sɛ Awurade teɛ ne nsa a,

ɔboafo bɛwatiri

na nea wɔboa no no bɛhwe ase;

wɔn baanu bɛbɔ mu asɛe.

4Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me:

“Sɛnea gyata woro so,

sɛnea gyata kokroo woro so gu ne hanam so no

a mpo sɛ wɔfrɛ nguanhwɛfo dɔm kɔ no so a,

wɔn nteɛteɛmu mmɔ no hu

na wɔn huuyɛ nso nhaw no no,

saa ara na Asafo Awurade besian

abɛko wɔ Sion Bepɔw ne ne sorɔnsorɔmmea so.

5Sɛnea nnomaa tu gyina faako wɔ wim no

saa ara na Asafo Awurade bɛbɔ Yerusalem ho ban;

ɔbɛbɔ ne ho ban na wagye no,

obegyaa no na wagye no asi hɔ.”

6Monsan nkɔ nea moayɛ dɔm atia no no nkyɛn, Israelfo.

7Da no mo mu biara bɛpo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a mode mo nsa a ɛho agu fi ayɛ no.

8“Asiria bɛhwe ase wɔ afoa a ɛnyɛ onipa de ano;

afoa a ɛnyɛ onipa de bɛsɛe wɔn.

Wobeguan afi afoa no ano

na wɔbɛma wɔn mmerante ayɛ ɔhyɛ adwuma.

9Wɔn abandennen bebubu, ehu nti;

wohu akofo frankaa a, wɔn asraafo mpanyimfo bɛbɔ huboa,”

sɛɛ na Awurade se,

nea ne gya wɔ Sion,

na ne fononoo si Yerusalem no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help