Tito Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

NhyɛnmuTito yɛ abarimaa bi a na ɔnyɛ Yudani, nanso ɔbɛyɛɛ Okristoni ne Paulo boafo. Esiane ne nsi, nʼanem ne ne nyamesuro ankasa nti, Paulo yɛɛ no Kreta asafo no ti, (ɔhwɛfo, ɔpanyin.) Esiane sɛ na Kreta abrabɔ yɛ den no nti, na ɛyɛ den ma ɛhɔ Kristofo sɛ wɔbɛtena ase sɛ nokware Kristofo. Ne saa nti Paulo kyerɛw saa krataa yi kɔmaa Tito a ɔyɛ asafo no ti kyerɛɛ no ɔkwan a ɔmfa so nyi nʼaboafo sɛ asafo mpanyimfo a wobedi asafo no anim. Krataa no kaa sɛnea ɛsɛ sɛ Okristoni ne afoforo tena ase wɔ asomdwoe, ɔdɔ ne koroyɛ mu.Emu NsɛmNkyia (1.1-4)Asafo mpanyimfo (1.5-9)Sɛnea wubehu atoro akyerɛkyerɛfo (1.10-16)Ma nkyerɛkyerɛ pa (2.1-15)Ayɔnkofa a ɛda Tito ne agyidifo a wɔaka no ntam (3.1-11)Asɛnka a etwa to ne nhyira (3.12-13)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help