Nnwom 101 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 101Dawid Dwom.

1Mɛto wo dɔ ne wo trenee ho nnwom;

Awurade, mɛto ayeyi nnwom ama wo.

2Mɛhwɛ yiye abu ɔbra a ho tew;

da bɛn na wobɛba me nkyɛn?

Mede koma a afɔdi nni mu

bɛhwɛ me fi so.

3Merennye ade a ɛyɛ tan

biara nto mu.

Mikyi nnipa a wonni gyidi nneyɛe;

meremfa me ho mmata ho.

4Nnipa a wɔn koma yɛ kɔntɔnkye remmɛn me;

me ne bɔne nni hwee yɛ.

5Obiara a odi ne yɔnko ho nseku wɔ kokoa mu no,

ɔno na mɛsɛe;

nea ɔwɔ ahantan ani ne ahomaso koma,

ɔno na merennyigye no so.

6Mʼani bɛkɔ anokwafo a wɔwɔ asase no so no so

na me ne wɔn atena;

nea ne nantew ho nni asɛm no

ɔno na ɔbɛsom me.

7Nea ɔyɛ ɔdaadaafo biara

rentena me fi;

nea otwa nkontompo no

rennyina mʼanim.

8Adekyee biara,

mɛsɛe amumɔyɛfo a wɔwɔ asase yi so nyinaa;

na mapam ɔdebɔneyɛni biara

afi Awurade kuropɔn mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help