Nnwom 145 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 145Ayeyi dwom. Dawid de.

1Mɛma wo so, me Nyankopɔn, Ɔhenkɛse;

mɛkamfo wo din daa daa.

2Da biara, mɛkamfo wo;

na mama wo din so daa daa.

3 Awurade so, na ɔsɛ nkamfo kɛse;

obiara ntumi nsusuw ne kɛseyɛ.

4Awo ntoatoaso baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ afoforo;

wɔbɛka wo nnwuma akɛse ho asɛm.

5Wɔbɛka wʼanuonyam ne wo tumi a ɛheran no ho asɛm,

na mɛdwene wʼanwonwadwuma ho.

6Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm;

na mapae mu aka wo nneyɛe akɛse no akyerɛ.

7Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmoroso no ho fa,

na wɔde anigye ato wo trenee ho dwom.

8 Awurade yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo;

ne bo kyɛ fuw na nʼadɔe dɔɔso.

9 Awurade ye ma obiara;

na ɔwɔ ahummɔbɔ ma nʼabɔde nyinaa.

10 Awurade, wʼabɔde nyinaa bɛkamfo wo;

na wʼahotefo bɛma wo so.

11Wɔbɛka wʼahenni no anuonyam ho asɛm

na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm,

12sɛ ɛbɛyɛ a nnipa behu wo nnwuma akɛse

ne wʼahenni anuonyam a ɛheran no.

13Wʼahenni yɛ daa ahenni,

na wo tumidi wɔ hɔ ma awo ntoantoaso nyinaa.

Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so,

na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ.

14 Awurade wowaw wɔn a wɔhwe ase

na ɔpagyaw wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom.

15Aniwa nyinaa hwɛ wo kwan,

na woma wɔn, wɔn aduan wɔ ne bere mu.

16Wubue wo nsam,

na woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛde.

17 Awurade teɛ wɔ nʼakwan nyinaa mu;

na ɔyɛ adɔe ma nea wayɛ nyinaa.

18 Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa,

wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa.

19Ɔyɛ wɔn a wosuro no no apɛde ma wɔn;

otie wɔn sufrɛ na ogye wɔn.

20 Awurade hwɛ wɔn a wɔdɔ no no nyinaa so,

nanso amumɔyɛfo de, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa.

21Mʼano bɛkamfo Awurade.

Ma abɔde nyinaa nkamfo ne din kronkron no

daa daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help