Yesaia 62 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Sion Din Foforo

1Sion nti, merenyɛ komm,

Yerusalem nti, merenyɛ dinn,

kosi sɛ ne trenee bɛhyerɛn sɛ adekyee,

na ne nkwagye adɛw sɛ ogyatɛn.

2Amanaman no behu wo trenee,

na ahemfo nyinaa ahu wʼanuonyam;

wɔbɛfrɛ wo din foforo

a Awurade de bɛto wo no.

3Wobɛyɛ anuonyam ahenkyɛw wɔ Awurade nsam,

ne adehye anuonyam abotiri wɔ wo Nyankopɔn nsam.

4Wɔremfrɛ wo amamfo bio,

anaa wʼasase sɛ amamfo.

Na mmom wɔbɛfrɛ wo Hefsiba anaa anisɔ Kuropɔn

ne wʼasase sɛ Beula anaa ɔwarefo

efisɛ Awurade ani begye wo ho,

na ɔbɛware wʼasase.

5Sɛnea aberante ware ababaa no,

saa ara na wo mmabarima bɛware wo;

sɛ ayeforokunu ani gye nʼayeforo ho no,

saa ara na wo Nyankopɔn ani begye wo ho.

6Mede awɛmfo agyinagyina wʼafasu so, Yerusalem;

wɔremmua wɔn ano awia anaa anadwo.

Mo a musu frɛ Awurade no,

monnhome koraa,

7na mommma onnye nʼahome kosi sɛ, ɔbɛma Yerusalem atim

na wayɛ no nea asase nyinaa bɛkamfo.

8 Awurade de ne basa nifa aka ntam

ne basa a ɛyɛ den no se,

“Meremfa mo awi

mma mo atamfo sɛ wɔn aduan bio,

na ananafo rennom nsa foforo

a moabrɛ ho no bio;

9wɔn a wotwa no na wobedi

na wɔakamfo Awurade,

na wɔn a wɔboaboa bobe ano no bɛnom

wɔ me kronkronbea adiwo.”

10Momfa mu, momfa kuropɔn apon no mu!

Munsiesie ɔkwan no mma nkurɔfo no.

Mompae, mompae ɔtempɔn no!

Munyiyi so abo no.

Munsi frankaa mma amanaman no.

11 Awurade abɔ no dawuru

akosi nsase ano se,

“Monka nkyerɛ Ɔbabea Sion se,

‘Hwɛ, wo Agyenkwa reba!

Hwɛ nʼakatua ka ne ho,

na nʼanamuhyɛde nso ka ne ho.’ ”

12Wɔbɛfrɛ wɔn Nnipa Kronkron,

wɔn a Awurade Agye Wɔn;

na wɔbɛfrɛ wo Nea Wɔrehwehwɛ Nʼakyi Kwan,

Kuropɔn a Ɛrenyɛ Amamfo Bio.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help