Atemmufo Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)
NhyɛnmuAtemmufo Nhoma yɛ Israel abakɔsɛm a efi bere a Israelfo ko faa Kanaan asase kosi bere a ɔman no nyaa ahemfo a ɛbɛyɛ mfirihyia ahannan aduanan (440). Saa bere no, na mmara nyɛ adwuma wɔ Israelman no mu. Abakɔsɛm yi fa ɔman no akatakyi no mmaninsɛm, aperepere ne akokoakoko ho. Saa akatakyi a wɔfrɛ wɔn “atemmufo” no mu bi yɛɛ asahene nnwuma titiriw sen sɛ wobu atɛn. Ebinom nso yɛ gyidi mu nsanakyifo ne nkoa mpo. Yehu Samson a ogyee din pa ara wɔ atemmufo yi mu no ho nsɛm wɔ Ti 13–16.Ade titiriw a yesua fi nhoma yi mu ne sɛ, Israel nkɔso ne yiyedi gyina wɔn nokwaredi a wɔde ma Onyankopɔn so. Ɛwɔ mu sɛ bere biara a wɔyɛ asoɔden tia Onyankopɔn no, wɔkɔ ɔhaw mu, nanso sɛ ɔman no nu wɔn ho na wɔsan kɔ ne nkyɛn a, Onyankopɔn yɛ krado sɛ obegye wɔn.Emu NsɛmIsrael di ɔman no fa bi so nkonim (1.1–3.6)Onyankopɔn yi atemmufo ma Israel (3.7–16.31)Dan abusuakuw mu abosonsom (17.1–18.31)Ɔko a etia Benyamin abusuakuw (19.1–21.25)