Mika Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)
NhyɛnmuMika bɛyɛɛ odiyifo wɔ Yudaman mu. Nhoma yi ka Samaria ne amanamanmufo ho asɛm; na ɛbɔ wɔn kɔkɔ fa atemmu ne nnommumfa a ɛreba Israel a ɛyɛ Atifi fam Ahemman no so no ho, wɔ abosonsom ne nhyɛsotraso a awurawura nkuropɔn te sɛ Samaria ne Yerusalem mu no nti.Mika Nhoma no kasa tia bɔne ahorow bi te sɛ korɔn, anibere, ɔbra bɔne, nhyɛsotraso, nyaatwom, abususɛnka, ntɛnkyew, ahupoo, nkontompo, awudi ne nea ɛkeka ho.Ɔsɛe ho nkɔmhyɛ yi akyi no, nhoma yi twe adwene si anidaso ne awerɛkyekye a efi Onyankopɔn hɔ no so dua. Atemmu bɛba, nanso Onyankopɔn mmɔborɔhunu no nti, ɔma bere ma adwensakra.Nhoma no wie sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛka sɛ aman nyinaa bɛsan abɛsom no na wɔanya ne nhyira no bɛba mu.Emu NsɛmIsrael ne Yuda atemmu (1.1–3.12)Yudaman benya asomdwoe (4.1–5.15)Kɔkɔbɔ ne anidaso (6.1–7.20)