1Asase nyinaa momfa ahosɛpɛw nteɛ mu mma Onyankopɔn!
2Monto ne din anuonyamhyɛ ho dwom;
momma nʼayeyi nyɛ anuonyamhyɛ!
3Munse Onyankopɔn sɛ, “Wo nneyɛe yɛ nwonwa dodo!
Wo tumi so mmoroso
a wʼatamfo nyinaa de osuro kotow wʼanim.
4Asase nyinaa kotow wo;
wɔto ayeyi dwom ma wo,
wɔto dwom kamfo wo din.”
5Mommra mmɛhwɛ nea Onyankopɔn ayɛ;
anwonwade a wayɛ wɔ nnipa mu.
6Ɔmaa po yɛɛ asase kesee;
wɔnantew twaa nsu no
mommra mma yenni ahurusi wɔ no mu.
7Ɔde ne tumi di hene daa daa,
na ɔde nʼani nso hwɛ aman so.
Mma atuatewfo nsɔre ntia no.
8Aman nyinaa, munhyira yɛn Nyankopɔn,
momma wɔnte mo nkamfo no nnyigyei;
9wahwɛ yɛn nkwa so
na wamma yɛn anan anwatiri.
10Na wo, Onyankopɔn, wosɔɔ yɛn hwɛe;
na wonan yɛn sɛ dwetɛ.
11Wode yɛn koguu afiase
na wode nneɛma a ɛyɛ duru too yɛn akyi.
12Womaa yɛn atamfo twiw faa yɛn so;
yɛfaa ogya ne nsu mu,
nanso wode yɛn baa faako a nnepa abu so.
13Mede ɔhyew afɔre bɛba wʼasɔredan mu
na madi bɔ a mahyɛ wo no so,
14bɔ a mʼanofafa hyɛe, na mʼano kaa
bere a na mewɔ ɔhaw mu no.
15Mede mmoa a wɔadɔ srade bɛbɔ afɔre ama wo;
adwennini ayɛyɛde;
mede anantwinini ne mpapo bɛbɔ afɔre.
16Mommra mmetie, mo a musuro Onyankopɔn nyinaa;
momma menka nea wayɛ ama me nkyerɛ mo.
17Mede mʼano su frɛɛ no;
na me tɛkrɛma yii no ayɛ.
18Sɛ mede bɔne hyɛɛ me koma mu a,
anka Awurade antie me.
19Nanso nokware, Onyankopɔn atie me,
wate me mpaebɔ.
20Nhyira nka Onyankopɔn,
a wampo me mpaebɔ
na wanyi nʼadɔe amfi me so.
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
