Nnwom 149 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 149

1Monkamfo Awurade.

Monto dwom foforo mma Awurade,

monkamfo no wɔ ahotefo asafo mu.

2Ma Israel ani nnye ne Yɛfo mu.

Ma Sion mma ani nnye wɔn Hene mu.

3Ma wɔmfa asaw nkamfo ne din

na wɔmfa sanku ne akasaa nto dwom mma no.

4Na Awurade ani sɔ ne nkurɔfo;

ɔde nkwagye kyɛw hyɛ ahobrɛasefo.

5Momma ahotefo nni ahurusi wɔ anuonyam yi mu;

na wɔnto ahosɛpɛw dwom wɔ wɔn mpa so.

6Onyankopɔn nkamfo nhyɛ wɔn anom,

na ɛnyɛ afoa anofanu wɔ wɔn nsam,

7sɛ wɔmfa ntɔ were wɔ amanaman no so

ne asotwe wɔ nnipa no so,

8sɛ wɔmfa nyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere wɔn ahemfo,

ne dade mpokyerɛ ngu wɔn atitiriw,

9sɛ wɔmfa mmu atɛn, sɛnea wɔakyerɛw atia wɔn no.

Eyi ne nʼahotewfo nyinaa anuonyam.

Monkamfo Awurade.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help