Nnwom 5 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 5Dawid dwom.

1 Awurade, yɛ aso ma me nsɛm

na dwen mʼapinisi ho.

2Tie me mmoa ho sufrɛ,

me Hene ne me Nyankopɔn,

efisɛ wo na mebɔ wo mpae.

3 Awurade, wote me nne anɔpa;

anɔpa, mede mʼadesrɛ ba wʼanim

na mede anidaso twɛn.

4Wonyɛ Onyankopɔn a wʼani gye bɔne ho;

na amumɔyɛfo rentumi ne wo ntena.

5Ahantanfo rentumi nnyina wʼanim;

wukyi wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa.

6Wosɛe wɔn a wɔka atosɛm;

Awurade kyi

mogyapɛfo ne asisifo.

7Nanso me, wo mmɔborɔhunu bebrebe nti,

mɛba wo fi;

na nidi mu na mɛkotow

akyerɛ wʼasɔredan kronkron no.

8 Awurade kyerɛ me kwan

wɔ wo trenee mu

mʼatamfo nti,

bɔ wo kwan tee wɔ mʼanim.

9Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokware;

ɔsɛe ahyɛ wɔn koma ma.

Wɔn menewa yɛ ɔda a so abue

wɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.

10Onyankopɔn, bu wɔn fɔ!

Ma wɔn pɔw bɔne nyɛ wɔn asehwe.

Pam wɔn; esiane wɔn bɔne dodow no nti,

efisɛ wɔasɔre atia wo.

11Nanso ma wɔn a woguan ba wo nkyɛn no ani nnye;

ma wɔmfa anigye nto dwom daa.

Trɛw wo bammɔ mu wɔ wɔn so,

na wɔn a wɔdɔ wo din no

ma wɔn ani nnye wɔ wo mu.

12 Awurade, ampa ara, wuhyira atreneefo;

na wode wʼayamye twa wɔn ho hyia sɛ nkatabo.

Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ ɔmfa sankuhama nto wɔ Seminit nne so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help