1Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden,
amanehunu mu boafo a ɔwɔ hɔ bere biara.
2Enti sɛ asase ani dan butuw,
na mmepɔw tutu kogu po ase a, yɛrensuro,
3sɛ po bɔ asorɔkye na ehuru
na ɛma nkoko wosow mpo a, yɛrensuro.
4Asuten bi wɔ hɔ a
ne nsuwansuwa de anigye ba Onyankopɔn kuropɔn mu,
beae kronkron a Ɔsorosoroni no te.
5Onyankopɔn te kuropɔn no mu, na ɔrenhwe ase;
Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema.
6Amanaman yɛ hoo, na ahenni hwehwe ase;
ɔma ne nne so ma asase nan.
7Asafo Awurade ka yɛn ho.
Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn aban.
8Bra bɛhwɛ Awurade nnwuma,
ɔsɛe a ɔde aba asase no so.
9Ɔma akodi gyae kosi asase ano.
Obubu agyan mu na ɔsɛe peaw;
ɔde ogya hyew nkatabo.
10Monyɛ komm na munhu sɛ me ne Onyankopɔn;
wɔbɛma me so wɔ amanaman no mu,
wɔbɛma me so wɔ asase so.
11Asafo Awurade ka yɛn ho;
Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn aban.
Wɔde ma dwonkyerɛfo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
