Nnwom 70 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 70Dawid adesrɛ dwom.

1Ao, Onyankopɔn, yɛ ntɛm gye me nkwa;

Awurade bra ntɛm bɛboa me.

2Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no

anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;

ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛe no nyinaa

mfa animguase nsan wɔn akyi.

3Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no

nsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti.

4Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa

nsɛpɛw wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu;

ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka da biara se,

“Onyankopɔn yɛ ɔkɛse!”

5Me de meyɛ ohiani a minni ɔboafo;

Ao, Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm.

Wo ne me boafo ne me gyefo;

Awurade, ntwentwɛn wʼanan ase.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help