Yesaia 28 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Efraim Ne Yuda Akannifo Nnue

1Nnome nka nhwiren abotiri a ɛyɛ Efraim asabowfo ahohoahoade no

nhwiren a ɛrepa, nʼahoɔfɛ a ɛho wɔ nyam,

a ɛda asasebere bon so.

Nnome nka kuropɔn no, nea nnipa a nsa asɛe wɔn no de hoahoa wɔn ho no.

2Hwɛ, Awurade wɔ obi a ɔwɔ tumi ne ahoɔden.

Ɔte sɛ mparuwbo ne mframa a ɛsɛe ade

ɔte sɛ osu a ɛne mframa nam, ne osuhweam a ɛhyɛ suka ma

ɔbɛtow no ahwe fam ahoɔden so.

3Saa nhwiren abotiri no a ɛyɛ Efraim asabowfo ahohoahoade no,

wobetiatia so.

4Saa nhwiren a ɛrepa, nʼahoɔfɛ a ɛho wɔ nyam,

a ɛda asasebere bon so no,

bɛyɛ sɛ borɔdɔma a ɛbere ansa na otwabere adu,

sɛ obi hu na ɔte a

odi no ntɛm so.

5Saa da no Asafo Awurade

bɛyɛ Anuonyam ahenkyɛw,

nhwiren abotiri fɛfɛ

ama ne nkurɔfo nkae no.

6Ɔbɛyɛ atɛntrenee honhom

ama otemmufo a ɔte agua mu.

Ɔbɛyɛ ahoɔden farebae

ama wɔn a wɔpam atamfo wɔ nkurow apon ano.

7Na eyinom nso nsa ma wɔtɔ ntintan

na bobesa ma wohinhim;

bobesa ma asɔfo ne adiyifo tɔ ntintan

na nsa ma wɔn ani so yɛ wɔn totɔtotɔ;

na wohinhim

wɔtɔ ntintan bere a wɔrenya anisoadehu,

na wɔn ano fomfom wɔ adwenkyerɛ mu.

8Ɔfe agugu apon nyinaa so,

na baabiara ayɛ fi.

9“Hena na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ no?

Na hena nso na ɔrekyerɛ nʼasɛm ase akyerɛ no?

Mmofra a wɔatwa wɔn nufu,

wɔn a wotwaa wɔn nufu nkyɛe no ana?

10Na ɛyɛ:

Yɛ eyi, anaa eyi

mmara foforo akyi mmara;

ɛha kakra, ɛhɔ kakra.”

11Eye, na afei ananafo ano ne kasa foforo

na Onyankopɔn de bɛkasa akyerɛ saa nkurɔfo yi,

12Ɔka kyerɛɛ wɔn se,

“Ha ne ahomegyebea no, momma abrɛfo no nhome;

ahodwobea nso ni,”

nanso wɔantie no.

13Enti afei wɔbɛfa Awurade asɛm a ɔde ma wɔn no sɛ:

Yɛ eyi anaa eyi,

mmara foforo akyi mmara;

ha kakra, hɔ kakra,

sɛnea wɔrekɔ no ɛbɛma wɔapini wɔn akyi;

wobepirapira, na wɔatɔ afiri mu, na wɔakyere wɔn.

14Ɛno nti, muntie Awurade asɛm, mo fɛwdifo

a mudi saa nkurɔfo yi so wɔ Yerusalem.

15Mohoahoa mo ho se, “Yɛne owu ayɛ apam,

yɛne ɔda ayɛ nhyehyɛe

sɛ asotwe a ano yɛ den ba a,

ɛrentumi nka yɛn,

efisɛ yɛde atoro ayɛ yɛn guankɔbea

ne nnaadaa ayɛ yɛn hintabea.”

16Enti nea Otumfo Awurade se ni,

“Hwɛ! Mede ɔbo bi retim Sion,

ɔbo a wɔasɔ ahwɛ,

tweatibo a ɛsom bo ama fapem a ɛyɛ den;

nea ɔde ne ho to so no remmɔ hu.

17Mede atɛntrenee bɛyɛ susuhama

na treneeyɛ ayɛ ɔfasu kirebennyɛ susuhama

mparuwbo bɛsɛe wo guankɔbea a ɛyɛ atoro no,

na nsu abɛkata wo hintabea hɔ.

18Wobetwa apam a wo ne owu ayɛ no mu;

nhyehyɛe a wo ne ɔda ayɛ no nso rennyina

sɛ asotwe a ano yɛ den no ba a,

ebetwiw afa mo so.

19Mpɛn dodow biara a ɛbɛba no ɛbɛsoa mo akɔ;

anɔpa, awia ne anadwo biara,

ɛbɛfa mu akɔ.”

Saa nkra yi ntease

de ehu bɛba.

20Mpa no yɛ tia dodo ma sɛ wɔteɛ wɔn mu wɔ so,

kuntu no yɛ hiahiaa sɛ ɛbɛso wɔn ho kata.

21 Awurade bɛsɔre sɛnea ɔsɔree wɔ Perasim bepɔw so no,

ɔbɛkanyan ne ho sɛnea ɔyɛɛ wɔ Gibeon Bon mu,

yɛɛ nʼadwuma, nʼadwuma nwonwaso no

dii ne dwuma, dwumadi a bi mmaa da.

22Afei gyae wo fɛwdi no,

anyɛ saa a wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu bɛyɛ duru;

Awurade, Asafo Awurade aka akyerɛ me

ɔsɛe ho mmaraden a wɔahyɛ atia asase no nyinaa.

23Muntie na monte me nne;

monwɛn mo aso na muntie nea meka.

24Sɛ okuafo funtum asase sɛ ɔrebedua so a, ɔyɛ no daa ana?

Ɔkɔ so tutu, fɛntɛm asase no ana?

25Sɛ osiesie asase no ani a,

onnua ɛme, na ɔmpete ntɛtɛ wɔ so ana?

Onnua awi ne atoko mu biara wɔ nʼafa ana?

26Ne Nyankopɔn ma no akwankyerɛ

na ɔkyerɛ no ɔkwan pa.

27Wɔmfa asae mpo ɛme ho,

wɔmfa teaseɛnam hankare mfa ntɛtɛ so;

wɔde pema na ɛboro ɛme,

na wɔde abaa aboro ntɛtɛ.

28Wɔyam aburow de to brodo

nti obi nkɔ so nyam a onnwie da.

Ɛwɔ mu, ɔde nʼawiporowee teaseɛnam hankare fa so de,

nanso ɛnyɛ nʼapɔnkɔ na wɔyam.

29Eyinom nyinaa fi Asafo Awurade,

afotu mu nwonwani,

na ne nyansa boro so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help