Nnwom 24 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 24Dawid dwom.

1Asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade de;

wiase ne wɔn a wɔte mu nyinaa wɔ no;

2efisɛ ɔno na ɔtoo ne fapem wɔ po so

na ɔde sii nsu ani.

3Hena na obetumi aforo Awurade bepɔw no?

Hena na obetumi agyina ne tenabea kronkron hɔ?

4Nea ɔyɛ ade trenee na ne koma mu tew,

nea ne kra nni ahoni akyi

na ɔnka ntamhunu.

5Obenya Awurade nsam nhyira

ne bembu a efi ne Nkwagye Nyankopɔn.

6Saa na awo ntoatoaso a wɔhwehwɛ Awurade no te

wɔn a wɔhwehwɛ wʼanim no, Yakob Nyankopɔn.

7Mo aponkɛse, momma mo ti so;

wɔmma mo so, mo tete apon,

na Anuonyam Hene nhyɛn mu.

8Hena ne saa Anuonyam Hene yi?

Ɔno ne Awurade hoɔdenfo ne otumfo no

Awurade a ɔyɛ ɔko mu nkonimdifo.

9Momma mo ti so, mo aponkɛse

momma wɔn so, mo tete apon,

na anuonyam Hene no nkɔ mu.

10Hena ne saa anuonyam Hene yi?

Asafo Awurade no,

ɔno ne anuonyam Hene no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help