Hiob 25 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Bildad Mmuae A Ɛto So Abiɛsa

1Na Suhini Bildad buae se,

2“Tumi ne suro wɔ Onyankopɔn;

ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ wɔ ɔsorosoro.

3Wobetumi akan nʼakofo ana?

Hena na ne hann nhyerɛn wɔ ne so?

4Ɛno de, ɛbɛyɛ dɛn na ɔdesani betumi ateɛ wɔ Onyankopɔn anim?

Ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔbea awo no no bɛyɛ kronn?

5Mpo sɛ ɔsram nhyerɛn

na nsoromma nyɛ kronn wɔ nʼani so a,

6na nkantom onipa a ɔte sɛ nsaammoa,

onipa ba a ɔyɛ osunson bi kɛkɛ!”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help