Nnwom 52 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 52Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo bere a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo se, “Dawid akɔ Ahimelek fi” no.

1Ɔkɛse, adɛn nti na wohoahoa wo ho wɔ wo bɔne ho?

Adɛn nti na wohoahoa wo ho da mu nyinaa,

wo a woyɛ animguasede wɔ Onyankopɔn ani so?

2Wo tɛkrɛma bɔ ɔsɛe ho pɔw;

ɛte sɛ oyiwan a ano yɛ nam yiye.

Wo a wutwa nkontompo nko ara.

3Wʼani gye bɔne ho sen papa,

wopɛ atoro sen sɛ wobɛka nokware.

4Wodɔ asɛm biara a ɛde ɔhaw ba,

wo tɛkrɛma daadaafo!

5Ampa ara Onyankopɔn de ɔsɛe a enni awiei bɛbrɛ wo;

ɔbɛtwe wo afi wo ntamadan mu na watetew wo mu;

Ɔbɛtɔre wʼase wɔ ateasefo asase so.

6Atreneefo behu eyi na wɔasuro;

wɔbɛserew no na wɔaka se,

7“Hwɛ, onipa no ni,

nea wamfa Onyankopɔn anyɛ nʼabandennen

na mmom ɔde ne ho too nʼahonya dodow so,

na onyaa ahoɔden de sɛee afoforo no!”

8Nanso mete sɛ ngodua a

ɛrenyin wɔ Onyankopɔn fi:

mede me ho to Onyankopɔn dɔ a ɛnsa da no so

daa nyinaa.

9Meyi wo ayɛ daa wɔ nea woayɛ nti;

wo din so na mʼani bɛda, efisɛ eye.

Meyi wo ayɛ wɔ wʼahotefo anim.

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde “mahalat” sanku nne na ɛto.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help