1 Awurade me Nyankopɔn,
miguan toa wo;
Gye me fi wɔn a wɔtaa me nyinaa nsam,
2anyɛ saa a wɔbɛtetew me mu sɛ gyata
na wɔatetew me mu asinasin a
obiara rentumi nnye me.
3 Awurade me Nyankopɔn, sɛ mayɛ eyi
na sɛ afɔdi aba me so a,
4sɛ mayɛ bɔne atia nea ɔne me te yiye,
anaasɛ mabɔ me tamfo korɔn kwa a,
5ɛno de ma mʼatamfo ntaa me na wɔmmɛto me;
ma wontiatia me so wɔ fam,
na wɔmma me funu nna mfutuma mu.
6Sɔre wɔ wʼabufuw mu, Awurade!
Sɔre tia mʼatamfo abufuw.
Nyan, me Nyankopɔn; hyɛ atɛntrenee mmara.
7Ma nnipadɔm mmetwa wo ho nhyia.
Fi ɔsoro hɔ di wɔn so;
8ma Awurade mmu nnipa no atɛn.
Bu me atɛn, Awurade sɛnea me trenee te,
sɛnea me nokwaredi te, Ao, Ɔsorosoroni.
9Onyankopɔn treneeni,
wo a wohwehwɛ adwene ne koma mu,
fa amumɔyɛfo basabasayɛ bra awiei
na ma atreneefo nnya bammɔ.
10Me nkatabo ne Ɔsorosoro Nyankopɔn
nea ogye koma mu treneeni no.
11Onyankopɔn yɛ otemmufo treneeni,
Onyame a ɔda nʼabufuwhyew adi da biara.
12Sɛ wansesa nʼadwene a,
ɔbɛsew nʼafoa ano;
obekuntun ne tadua na ɔde bɛmma ahyɛ mu.
13Wasiesie nʼakode a ɛyɛ hu;
ayɛ ne bɛmma a ɛredɛw no krado.
14Nea onyinsɛn amumɔyɛ
na basabasayɛ ahyɛ no ma no, ɔwo nnaadaa.
15Nea otu tokuru, na oyi mu dɔte no
hwe tokuru a watu no mu.
16Ɔhaw a ɔde ba no dan bɔ nʼankasa so;
ne basabasayɛ bɔ nʼankasa ti so.
17Mede aseda bɛma Awurade,
ne trenee nti,
na mato ayeyi dwom ayi Awurade, Ɔsorosoroni no din ayɛ.
Wɔde ma dwonkyerɛfo se wɔnto no “gittit” sanku nne so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
