1Buebue wʼapon, Lebanon,
na ogya mmɛhyew wo sida!
2Twa adwo, wo ɔpepaw, na sida ahwe ase;
wɔasɛe nnua a ɛwɔ anuonyam no!
Twa adwo Basan adum;
wɔabubu kwaeberentuw no mu nnua no!
3Tie nguanhwɛfo agyaadwo;
wɔasɛe wɔn adidibea frɔmfrɔm no!
Tie gyata no mmubomu;
Yordan ho nkyɛkyerɛ fɛɛfɛ no asɛe!
Nguanhwɛfo Baanu4Sɛɛ na Awurade me Nyankopɔn se: “Fa nguankuw a wɔrebekum wɔn no kɔ adidibea.
5Atɔfo no kunkum nguan no na wɔntwe wɔn aso. Wɔn a wɔtɔn nguan no ka se, ‘Monkamfo Awurade, mayɛ ɔdefo!’ Na nguan no ahwɛfo no mpo nnya ahummɔbɔ mma wɔn.
6Merenhu asase no so nnipa mmɔbɔ bio,” sɛnea Awurade se ni. “Mede obiara bɛhyɛ ne yɔnko ne hene nsa. Wɔbɛhyɛ asase no so, na merennye obiara mfi wɔn nsam.”
7Enti mede nguankuw a wɔrekokum wɔn no kɔɔ adidibea, ne titiriw ne wɔn a wɔayɛ mmɔbɔ no. Afei mefaa pema abien, na mefrɛɛ baako Adɔe na baako nso Nkabom na mede wɔn kɔɔ adidi.
8Ɔsram baako mu, mepam nguanhwɛfo abiɛsa no.
Nguankuw no ampɛ me, na wɔmaa me brɛe
9na mekae se, “Merenyɛ mo hwɛfo bio. Wɔn a wɔrewu nwu, na wɔn a wɔreyera nso nyera. Na ma wɔn a aka no nso nkyekyere wɔn ho wɔn ho nwe.”
10Afei mefaa me pema a mefrɛ no Adɔe no bubuu mu de sɛee apam a me ne aman no nyinaa ayɛ no.
11Wɔsɛee no da no ara, na wɔn a wɔrehu amane wɔ nguankuw no mu a na wɔrehwɛ me no hui se, ɛyɛ Awurade asɛm.
12Na meka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ ɛbɛyɛ yiye a muntua me ka, na sɛ ɛnte saa nso a, momma ɛntena hɔ.” Enti, wotuaa dwetɛ mpɔw aduasa maa me.
13Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Tow ma ɔnwemfo no,” ɛbo a ɛsɔ ani a wɔatwa ama me no. Enti, mefaa dwetɛ mpɔw aduasa no, na metow maa ɔnwemfo a ɔwɔ Awurade fi mu no.
14Afei mibuu me pema a ɛto so abien a wɔfrɛ no Nkabom no mu, de sɛee onuayɛ a ɛda Yuda ne Israel ntam no.
15Afei, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Fa oguanhwɛfo kwasea no nneɛma no bio.
16Na merebɛma oguanhwɛfo bi asɔre asase no so a ɔrenhwehwɛ nea wayera, ɔrenhwehwɛ nguantenmma no akyi kwan, ɔrensa nea wapira yare, ɔremma nea ɔwɔ ahoɔden aduan, na mmom, ɔbɛwe nguan a wɔadɔ no nam, na watwitwa wɔn tɔte.
17“Nnome nka oguanhwɛfo a ne so nni mfaso,
na oguan gya nguankuw no!
Afoa ntwa ne basa, ne nʼaniwa nifa.
Ne basa no nwu koraa,
nʼaniwa nifa no mfura koraa!”
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.