Luka Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)
NhyɛnmuLuka yɛ oduruyɛfo a ogyee din yiye. Luka Asɛmpa no yɛ nhoma a wɔakyerɛw a edi mu yiye. Nsɛm bebree a wɔaka no, bi nni Mateo ne Marko Nsɛmpa no mu. Saa nsɛm a enni Mateo ne Marko mu no bi ne:a. Ayeyi dwom 1.46-55b. Sakaria Kamfo Awurade 1.67-79d. Ɔsoro abɔfo ayeyi 2.14e. Simeon hyɛ Onyankopɔn anuonyam 2.25-32ɛ. Ɔba hohwini no 15.11-32f. Ɔdefo no ne Lasaro, 16.19-31g. Yesu yi ne ho adi kyerɛ Kleopa, 24.13-35Wɔaka asi so dua wɔ Luka Asɛmpa no mu se Yesu hwɛ ayarefo, mmubuafo, ahiafo, mpapahwekwa ne nnebɔneyɛfo mpo.Emu NsɛmYesu awo ne ne mmofraase (1.1–2.52)Osuboni Yohane adwumayɛ (3.1-20)Yesu asɛnka mfiase (3.21–4.13)Yesu wɔ Galilea (4.14–9.50)Yesu fi Galilea kɔ Yerusalem (9.51–19.44)Homeda a Yesu di twaa to wɔ Yerusalem (19.45–23.56)Yesu wusɔre ne nsɛm a ɔdaa no adi (24.1-53)