1Eyinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apuei fam a wokunkum wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no fi Arnon Subon kosi Bepɔw Hermon so a Yordan Bon asase a ɛwɔ apuei fam nyinaa ka ho.
2Wodii Amorihene Sihon a na ɔte Hesbon no so.
Na nʼaheman bi ne Aroer a ɛwɔ Arnon Subon ano na ɛsen fi ne mfimfini kosi Asubɔnten Yabok a ɛda hɔ sɛ ɔhye ma Amorifo no. Nnɛ yi, Gilead fa a ɛda Asubɔnten Yabok atifi no ka ɔmantam no ho.
3Efi Yordan bon atifi a ɛbɛn Galilea po no atɔe fam mpoano na esian ba anafo fam besi Nkyene Po, fi Bet-Yesimot kosi Pisga nsian so hyɛɛ Sihon ase.
4Basanhene Og a otwa Refaitefo to no tenaa Astarot ne Edrei asase so.
5Na odii hene wɔ ɔman a efi Bepɔw Hermon so de kosi Saleka wɔ atifi fam ne Basan a ɛwɔ apuei fam nyinaa, de kɔ atɔe fam kosi Gesurfo ne Maakatfo ahemman hye so. Gilead fa a ɛwɔ atifi fam, ne ɔfa a aka a na ɛwɔ Hesbonhene Sihon asase mu no ka ho.
6Na Mose a ɔyɛ Awurade somfo no ne Israelfo atɔre ɔhene Sihon ne ɔhene Og nkurɔfo ase. Mose de wɔn asase maa Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusua fa no.
Yordan Apuei Fam Ahemfo A Wodii Wɔn So7Saa ahemfo a wɔn din didi so yi na Yosua ne Israel nsraadɔm dii wɔn so wɔ Yordan atɔe fam fi Baal-Gad wɔ Lebanon bon mu de kosi Halak bepɔw a ekosi Seir no. (Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuw no sɛ wɔn agyapade,
8a ɛne, bepɔw so man, atɔe fam nkoko, Yordan Bon, mmepɔw mmepɔw nsian, Yudean sare so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beae hɔ no yɛ Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo.)
Eyinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim:
9Yerikohene
baako
Ai a ɛbɛn Bet-El hene
baako
10Yerusalemhene
baako
Hebronhene
baako
11Yarmuthene
baako
Lakishene
baako
12Eglonhene
baako
Geserhene
baako
13Debirhene
baako
Gaderhene
baako
14Hormahene
baako
Aradhene
baako
15Libnahene
baako
Adulamhene
baako
16Makedahene
baako
Bet-Elhene
baako
17Tapuahene
baako
Heferhene
baako
18Afekhene
baako
Lasaronhene
baako
19Madonhene
baako
Hasorhene
baako
20Simronhene
baako
Aksafhene
baako
21Taanakhene
baako
Megidohene
baako
22Kedeshene
baako
Yokneam a ɛwɔ Karmel ase hene
baako
23Dor a ɛwɔ Dor koko so hene,
baako
amanaman a ɛwɔ Gilgal no hene ne
baako
24Tirsahene
baako
Ahemfo a wɔsɛe wɔn ne wɔn nkurow nyinaa ano si aduasa baako.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.