3 Mose 12 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Awo Akyi Ahodwira

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se,

2‘Sɛ ɔbea bi wo ɔbabarima a, ne ho ntew nnanson, te sɛ nea ɔkɔ afikyiri a ne ho ntew no ara.

3Ne nnaawɔtwe so no, ɛsɛ sɛ wotwa abarimaa no twetia.

4Na nnafua aduasa abiɛsa a ɛda nʼanim a ɔde retew ne ho no, ɛnsɛ sɛ oso biribiara a ɛyɛ kronkron mu na onni ho kwan sɛ ɔkɔ hyiadan mu nso.

5Sɛ ɔbea bi wo ɔbabea a, ne ho ntew nnaawɔtwe abien, te sɛ nea ɔkɔ afikyiri a ne ho ntew no ara. Afei ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnafua aduosia asia ma ne ho twa.

6“ ‘Sɛ saa ahotew nna yi twa mu a, ɛsɛ sɛ ɔde oguamma a wadi afe bɛbɔ ɔhyew afɔre na ɔde aborɔnoma anaa aturukuku ba bɛbɔ bɔne ho afɔre. Ɛsɛ sɛ ɔde wɔn kɔ Ahyiae Ntamadan no ano kɔma ɔsɔfo no.

7Na ɔsɔfo no de wɔn bɛma Awurade de ayɛ mpata ama ɛna no; ɛba saa a, ne ho tew bio wɔ nʼawo mu mogyagugu ho.

“ ‘Eyinom ne awo akyi ahyɛde.

8Na sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya oguamma no a, ɛno de, ɛsɛ sɛ ɔde mmorɔnoma abien anaa nturukuku mma abien ba. Wɔde ɔbaako bɛbɔ ɔhyew afɔre na wɔde ɔbaako abɔ bɔne ho afɔre. Ɔsɔfo no bɛfa saa kwan yi so ayɛ mpata ama no, sɛnea ɛbɛyɛ a ne ho bɛtew bio.’ ”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help