Hiob 11 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Sofar Mmuae A Edi Kan

1Na Naamani Sofar buae se,

2“Ɛnsɛ sɛ woyi saa nsɛm yi ano ana?

Ɛsɛ sɛ wobu saa ɔkasafo yi bem ana?

3Wo nsɛm hunu no bɛma nnipa ayɛ komm ana?

Sɛ wudi fɛw a obiara nka wʼanim ana?

4Woka kyerɛ Onyankopɔn se, ‘Me gyidi ho nni asɛm

na meyɛ pɛ wɔ wʼani so.’

5Ao, anka mepɛ sɛ Onyankopɔn kasa,

anka ɔnkasa ntia wo

6na ommue nyansa mu ahintasɛm so nkyerɛ wo,

efisɛ nyansa turodoo yɛ afanu.

Hu sɛ Onyankopɔn werɛ afi wo bɔne no bi mpo.

7“Wubetumi ate Onyankopɔn anwonwade ase ana?

Wubetumi abɔre ahu nea Otumfo no tumi kɔpem ana?

8Ɛkorɔn sen ɔsoro, dɛn na wubetumi ayɛ?

Emu dɔ sen ɔda ase tɔnn, dɛn na wubetumi ahu?

9Ne nsusuwii mu ware sen asase

na ɛtrɛw sen po.

10“Sɛ ɔba de wo bɛto afiase

ansa na osi nkongua a, hena na obetumi asiw no kwan?

11Ampa ara ohu nnipa nnaadaafo;

na sɛ ohu bɔne a, ɔnhyɛ ne nsow ana?

12Nanso ogyimifo rentumi nyɛ onyansafo da

na wɔawo afurum ba sɛ onipa.

13“Na sɛ wode wo koma ma no

na wopagyaw wo nsa kyerɛ no,

14sɛ wugyaa bɔne a wukura no mu

na woamma amumɔyɛ antena wo ntamadan mu a

15ɛno de, bɔne nni wo ho, wobɛma wo ti so;

wubegyina pintinn a worensuro.

16Wo werɛ befi wʼahokyere,

na wɔbɛkae no sɛ nsu a asen kɔ.

17Abrabɔ bɛhyerɛn asen owigyinae,

na sum bɛyɛ sɛ adekyee hann.

18Wubenya bammɔ, efisɛ anidaso wɔ hɔ;

wobɛhwɛ wo ho ahyia, na wahome asomdwoe mu.

19Wobɛda ahome, na obi renhunahuna wo,

na bebree bɛhwehwɛ mmoa afi wo nkyɛn.

20Amumɔyɛfo ani befura,

wɔrentumi nguan;

na wɔn anidaso bɛdan owu ahomegu.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help