Nnwom Mu Dwom Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)
NhyɛnmuSalomo dwom yɛ ahokeka nsɛm a wɔakyerɛw no ɔyɛkyerɛ kwan so. Ɛyɛ ɔdɔ anwensɛm ahorow a wɔahyehyɛ a ne fa kɛse no ara yɛ nnwom a ɔbarima to kyerɛ ɔbea ne nea ɔbea to kyerɛ ɔbarima.Mpɛn pii, na Yudafo kyerɛ saa nnwom yi mu sɛ ɛyɛ ayɔnkofa a ɛda Onyankopɔn ne ne man ntam ho mfoni, na Kristofo nso te ase sɛ ɛyɛ ayɔnkofa a ɛda Kristo ne nʼasafo ntam ho mfoni. Ebinom nso ka se ɛyɛ nsɛm a ɛfa aware kann a egyina ɔdɔ so no ho.Emu NsɛmNnwom a edi kan (1.1–2.7)Nnwom a ɛto so abien (2.8–3.5)Nnwom a ɛto so abiɛsa (3.6–5.1)Nnwom a ɛto so anan (5.2–6.3)Nnwom a ɛto so anum (6.4–8.4)Nnwom a ɛto so asia (8.5-14)