1Israel guanhwɛfo, tie yɛn,
wo a wudii Yosef anim sɛnea wodi nguankuw anim;
wo a wote ahengua so wɔ kerubim ntam no, hyerɛn
2wɔ Efraim, Benyamin ne Manase anim.
Kanyan wo tumi;
bra begye yɛn nkwa.
3Ao Onyankopɔn, gye yɛn bio;
ma wʼanim nhyerɛn yɛn so,
na wɔagye yɛn nkwa.
4Asafo Awurade Nyankopɔn,
wʼabufuw bɛdɛw akosi da bɛn,
wʼabufuw a etia wo nkurɔfo mpaebɔ no?
5Wode nusu yɛɛ aduan maa wɔn dii;
wode nusu kuruwama maa wɔn nomee.
6Wode yɛn ayɛ nea yɛn mfɛfo ko ho,
na yɛn atamfo serew yɛn.
7Asafo Nyankopɔn, gye yɛn bio;
ma wʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so,
na wɔagye yɛn nkwa.
8Wutuu bobe fi Misraim beduae;
wopam amanaman no na wuduae.
9Wosiesiee asase no baabi maa no,
egyee ntin na ɛtrɛw asase no so.
10Ne nwini kataa mmepɔw no so
ne mman kataa sida akɛse no so.
11Ɛdennan trɛw kɔɔ Po no so,
na ɛfefɛw trɛw koduu Asubɔnten no ho.
12Adɛn nti na woabubu nʼafasu
ama wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no tetew ne bobe aba no?
13Kɔkɔte fi wuram bɛsɛe no pasaa
na mmoadoma a wɔwɔ sare so de yɛ wɔn aduan.
14Asafo Nyankopɔn, san bra yɛn nkyɛn!
fi ɔsoro hɔ hwɛ na wubehu!
Hwɛ saa bobe yi so,
15ntin a wo nsa nifa adua no,
ɔbabarima a woatetew no ama wo ho no.
16Wɔatwa wo bobe no ato fam, ato mu gya ama ahyew;
wʼanimka ma wo nkurɔfo ase tɔre.
17Fa wo nsa kata ɔbarima a ɔwɔ wo nifa no so,
onipa ba a woatetew no ama wo ho no.
18Afei yɛrentwe yɛn ho mfi wo nkyɛn;
kanyan yɛn, na yɛbɛbɔ wo din.
19Asafo Awurade Nyankopɔn, gye yɛn bio,
na ma wʼanim nhyerɛn yɛn so,
na wɔagye yɛn nkwa.
Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto sɛ “gittit” sanku nne so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
