Nnwom 28 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 28Dawid dwom.

1Wo na misu frɛ wo,

Awurade me Botan;

nsiw wʼaso wɔ me ho.

Sɛ woyɛ komm a,

mɛyɛ sɛ wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no.

2Tie me mmɔborɔsu

bere a mefrɛ wo apɛ mmoa,

bere a mema me nsa so

kyerɛ wo Tenabea Kronkron hɔ.

3Mfa me mfra amumɔyɛfo mu ntwe me nkɔ,

mfa me nka wɔn a wɔyɛ bɔne no ho.

Wɔne wɔn yɔnkonom kasa fɛfɛ,

nanso wɔde ɔtan sie wɔn koma mu.

4Twe wɔn aso wɔ nea wɔayɛ no so;

wɔn adwuma bɔne no so;

tua nea wɔde wɔn nsa ayɛ so ka

na fa nea ɛfata wɔn san bra wɔn so.

5Sɛ wommu nea Awurade ayɛ

ne nea ɔde ne nsa ayɛ no nti

ɔbɛbrɛ wɔn ase

na ɔremma wɔnnsɔre bio.

6Ayeyi nka Awurade,

efisɛ watie me mmɔborɔsu.

7 Awurade ne mʼahoɔden ne me nkatabo

me koma wɔ ne mu ahotoso, na ɔboa me.

Me koma di ahurusi

na mede dwonto bɛda no ase.

8 Awurade yɛ ahoɔden ma ne nkurɔfo;

ne nkwagye nsraban ma nea wɔasra no ngo.

9Gye wo nkurɔfo na hyira wʼagyapade;

yɛ wɔn hwɛfo, na wo ne wɔn nnantew afebɔɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help